Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 8 Nneεma a Yεde Yε Adwuma • 111

Saa asuasεm yi ma nhumu wɔ sεdeε yεbεtumi ako gyidie ko pa no yie. Ɛdi kan, monyi onipa dada no ntwene (ɔne n’atorɔ ne nnaadaa); εtɔ so mmienu, momma wɔnyε mo foforɔ wɔ mo adwene honhom mu (ka nokorε a εfa saa bea no ho kyerε wo ho); εna εtɔ so mmiεnsa, monhyε onipa foforɔ no (ma wo nneyεε ne nokorε no nkɔ kɔsi sε wobεnya suban foforɔ fa sεdeε wobεdwene, na woayε wɔ saa adeε no ho). Monusu Paulo ahyεdeε ma Efesofoɔ no ho nkyεre, na momfa nyε adwuma da biara. Mmea bεn na ayε mo den sε “mobεyi onipa dada no atwene (ɔne n’atorɔ ne nnaadaa)”? Saa mmea no, εdeεn na εsε sε “moto twene”? Sεn na mobεyε mo adwene foforɔ? Sεn na εsε sε “mohyε onipa foforɔ no”? Monsrε Honhom no nyansa ne adom, na ɔbεma mo nhumu wɔ mo gyidie ho ɔko no mu wɔ saa mmea yi.

Nyankopɔn ama me akodeε a mede bεko enti εsε sε menyini wɔ m’ahoɔden mu sε Kristo sraani wɔ asɔre no honhom mu atenetene nneyεε so, ka nokorε no kyerε me ho, na mepo atorɔ sε mεgye adie.

Adansedie

Na Teresa de Cepeda y Ahumada (1515-1582) yε obi a ɔfiri Spain na ɔhyεε aseε somm Kristo sε sɔfo baa berε a na wadi mfeε 20. Na ɔyε Nyame fεrefoɔ a na ɔwɔ nimdeε sononko a ɔde twerε fa ne honhom mu abrabɔ ho. N’adwuma a agye din yie pa ara ne “Interior Castle” a ɔtwerεε no berε bi a ɔne Nyankopɔn nyaa ahyiadie a εmu dɔ akyiri. Ahofama Mpaebɔ, Teresa a ɔfiri Avila Fa wo nyansa di ne nyinaa so, O Awurade, na me kra asom Wo sεdeε Wo pε teε, na εnyε sεdeε mεyi. Ntwe m’aso, Mesrε Wo, berε a woma me deε mepε anaa mebisa, sε εfom wo dɔ a, εbεtena me mu berε biara no a. Ma menwu mma me ho, na masom wo, wo a wo mu na nokorε abrabɔ wɔ. Amen.

Mpaebɔ

~ Don L. Davis. A Sojourner’s Quest. Wichita, KS: The Urban Ministry Institute, 2010, p. 98.

Onniawieeε Nyankopɔn, Awurade ne Owura, meda wo ase pa ara wɔ w’adom nwanwasoɔ a wode ma yεn w’akodeε a εbεtumi abɔ yεn ho ban na ahyehyε yεn berε a yεhyia yεn atamfo wɔ wiase ha. Woannya yεn a woamma yεn mmoa wɔ saa ɔko kεseε ma w’ahemman ahennie yi mu. Yεwɔ wo Honhom Kronkron, Kristo mogya no bɔnefakyε, hann akodeε, ne Twerεnsεm, w’Asεm no nokorε. Wɔde yεn asi w’abusua mu, wɔ nkwa a εnni awieeε ho bɔhyε nwanwasoɔ ne anidasoɔ mu, na wɔama yεn wo Honhom Kronkron no akyεdeε. Boa yεn seesei, Agya dɔfoɔ, na yεmfa saa akyεdeε nwanwasoɔ yi

Akoma mu Sufrε kyerε Awurade

Made with FlippingBook Ebook Creator