Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Kronkronyε Nhini ne edin a TUMI de kyerεkyerε akoma mu bɔneka, nnwuma, ne afotuo a εwɔ Kristosom gyidie a εda mfeε 100 ne 500CE ntam, a εde Gyidie no nnyinasoɔ a yεn mmara, ɔsom, gyidikansεm ne nkyerεkyerε ka ho, baeε. TUMI atu ne ho asi hɔ sε εbεboa nsɔre a εwɔ kurom ma wɔasan anya saa nhini (wɔsan nso frε no Amammerε Kεseε) no ama wɔn honhon mu foforɔyε ne asεmpatrε ahoɔden.

Wɔayε saa kwan a εyε mmrε na εboa yi sεdeε εbεboa Akristofoɔ afoforɔ a wɔrenyini ama wɔabεyε Kristo asuafoɔ/ akofoɔ a wɔyε den, na wɔayε ne nyinaa wɔ Nyankopɔn Ayεsεm so sεdeε wɔaka no Twerεnsεm no mu no. Yεredi Efesofoɔ asεn��re nkyerεkyerεmu akyiri no, saa adesua akwankyerε yi boa agyidifoɔ ma wɔte deε Twerε Kronkron no ka fa nsusuiε a εhia fa yεn dwumadie wɔ Nyankopɔn Ayεsεm kεseε no ho ase wɔ adesua nkron a wɔaka abom mu. Saa adesua yi kyerεkyerε nneεma a εhia wɔ sεdeε yεyε yεn asεdeε wɔ Nyankopɔn Ayεsεm mu, na aboa ma asuafoɔ anyini sε Kristo asuafoɔ berε a wɔwɔ nimdeε wɔ Kristosom

gyidie ne nanteε nnyinasoɔ mu. Saa adeε yi yε yεn kannifoɔ kwan a wɔgye tom sε Nneεma a TUMI kyerε wɔ asɔfodie nteteeεbea no fa Kεseε pa ara, a εma nnianim nsεm a εyε nokorε ma Twerε Kronkron nsεn�re akεseε εne Kristo akyiridie nnyinasoɔ. Adesua A�finsεm 1. Ayεsεm Tenten a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu: Yεde Yεn Ayεsεm rebɔ Nyankopɔn Ayεsεm mu 2. Ɛho a Yεkɔka: Yεregye Yεn Dwumadie Atom wɔ Ɔsoro Akodie a εfiri Tete no mu 3. Ɛkwan a Yεnya: Yεde Yεn Abrabɔ Retoto Nyankopɔn Abrabɔ ho wɔ Kristo mu 4. Adomakyεdeε a Yεgye: Honhom Kronkron no Dwumadie wɔ Gyidie Ko Pa no mu 5. Deε Ɛkyεn soɔ a Yεkyerε: Yεretena sε Nyankopɔn Ahotefoɔ ne Kristo Ananmusifoɔ wɔ Saa Wiase Yi mu

6. Nkuranhyε a Yεhwehwε: Yεrehyε Yεn Ho Yεn Ho Den wɔ Kristo Nipadua mu 7. Ɔtamfo a Yεne no Ko: Yεrenante Nkonimdie mu Atia Nyankopɔn Tamfo no 8. Nneεma a Yεde Di Dwuma: Yεrehyε Nyankopɔn Akodeε Nyinaa 9. Abodwokyεre a Yεkyerε: Ahotefoɔ no Mmɔdemmɔ

Sε wopε nsεsoɔ bebree ne nneεma akεseε afoforɔ a, sra yεn wɔ www.tumistore.org

www.tumi.org www.worldimpact.org

Urban Ministry Institute yε World Impact, Inc. som adwuma

Made with FlippingBook Ebook Creator