Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 5 Deε Ɛkyεne Soɔ a Yεkyerε • 71
7. Nyankopɔn adom kyerεkyerε yεn sεdeε yεtena ase na yεyε nnwuma pa berε a yεsiesie yεn ho ma Kristo mmaeε a εtɔ so mmienu no. Kenkan Tito 2.11 14. Fa nsεm hyehyε baabi a wɔagyigya no. a. Nyankopɔn adom a εrebrε yεn nkwagyeε no tete yεn ma yεpo _____________________ na yεbɔ _________________________ abrabɔ berε a yεtwεn yεn nkorɔfoɔ a wɔahyira wɔn. b. Yesu de ne ho maa yεn sε ɔbεgye yε afiri ________________________ na wate nnipa a wɔyε ne dea ho a wɔyε nsiyε ma _________________ _________________. Sε Nyankopɔn mma a ɔdɔ yεn εnam Yesu Krsito mu gyidie yi, wɔafrε yεn sε yεnyε Nyankopɔn asuasuafoɔ, sε yεnyε te sε yε Awurade, sε yεmfa ɔdɔ nhwε afoforɔ. Yεyε, sεdeε yεbεka no, ne nkorɔfoɔ wɔ wiase ha, te sε deε ɔte yεn mu, wɔ asase yi so. Ne saa nti wɔafrε yεn sε yεbεyε Nyankopɔn “ahotefoɔ” (wɔn a wɔn ho teε), a wɔnam Yesu mu gyidie so ayε yεn ateneneefoɔ. Wɔayi yεn asi hɔ sε yεmmɔ abrabɔ a εho teε na εyε kronkron wɔ Awurade anim. Ɛwɔ sε wɔte yεn ho (yi si hɔ ma Nyankopɔn adeε ne adwuma), sεdeε εbεkyerε na aka akyerε afoforɔ sε yεyε Kristo dea, na wɔbεtumi asakyerε wɔn nso εnam saa Asεmpa korɔ no a asakyera yεn no. Nokorε mu, Nyankopɔn mfrεε yεn nkɔɔ mmusubɔ ne efideyε abrabɔ mu, na mmom kronkron ne tenenee mu. Deε εka yεn frε sε yεmmεyε ahotefoɔ ho no ne sε, wɔasane ayε yεn Kristo ananmusifoɔ, a yεgyina Yesu ne Nyankopɔn Ahemman no anan mu wɔ yεn nkitahodie ne nneyεε mu. Yεyε Ahemman no adwumayεfoɔ, Nyankopɔn soro ahennie mu man-mma, na ne saa nti, wɔama yεn tumi sε yεnka Nyankopɔn abisadeε nkyerε afoforɔ wɔ ne din mu. Ɛsε sε yεyε ahwεyie sεdeε yεde namyε, nimdeε ne akokoɔduro bεyε. Yεpae mu ka sε Nasaretni Yesu yε Awurade ne Kristo, wiase Hene a ɔreba no wɔ asεnka ne adwuma nyinaa mu. Wɔ Asεmpa a yεka kyerε afoforɔ mu no yεde nkwa ma obiara a ɔbεsakyera na wagye adi wɔ ne din mu, na yεnam yεn dɔ ne nnwuma pa yεkyerε so kyerε sεdeε Ahemman no teε. Yεnam yεn nnwuma so bɔ nyamesom fa a εwɔ “Kyerε na Ka” so da biara wɔ yεn abusuafoɔ, ayɔnkofoɔ, ne afipamfoɔ anim, kyerε wɔn sεdeε εteε sε wobεwɔ Nyankopɔn Ahemman no mu. Obiara nni hɔ a ɔbεtumi ayε ɔhoteni ne Kristo ananmusini wɔ wɔn ankasa ahoɔden mu. Kristo nam ne Honhom Kronkron so te yεn mu, na yεbεtumi asi n’ananmu berε a yεne no kasa. Sε yεde yεn ho to Kristo so a, saa na yεbεtumi asi n’anan mu yie
Muabɔ
Made with FlippingBook Ebook Creator