Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 8 Nneεma a Yεde Yε Adwuma • 103

na εyε mmerε sε yεhunu ɔtamfo no atorɔ na yεnam gyidie so si wɔn kwan nso. Kenkan Gal. 6.7-9. Sεn na saa asuasεm yi boa yεn ma yεhunu sεdeε yεbεtumi afa yεn honhom mu ahohyεsoɔ pintinn, aboterε nneyεε so awie nyini wɔ Kristo mu? Adesua a εtwaam (Ɔtamfo a yεne No Ko) mu no, yεhunuu ɔtamfo no su. Saa ɔfa yi mu no wobεhunu sεdeε wode “Nyankopɔn akodeε nyinaa,” nneεma a Awurade de ama yεn sε yεmfa nko yεn gyidie ko no bεyε adwuma. Yεn Kristosom abrabɔ ankasa yε ɔko, εnyε yεne nnipa na mmom ahonhommɔne a wɔsi yεn adwuma kwan εnam sε yεyε Nyankopɔn dea nti. Ɛnsε sε εyε yεn nwanwa sε ɔtamfo no nnyae; ne sɔretia bεyε kεseε ne daa. Nyankopɔn ama yεn akodeε papa, honhom mu akodeε nyinaa a yεde bεyε adwuma wɔ honhom mu ɔko mu. Wɔde ɔko a yεwɔ mu no gyina hɔ ma yεne ahonhommɔne a wɔayε wɔn adwene sε wɔbεma yεatoto yεn gyidie ase, agyae yεn ahofama ma Kristo na yεde wiase nneεma ne ntaneani hyε anan mu, aperedie. Twerε Kronkron twa ɔtamfo no atorɔ mfoni sε bεmma a εredεre, ɔbonsam agyan, a wɔbεtumi de gyidie kyεm adum no. Wɔsusu yεn gyidie wɔ Nyankopɔn mu sε εkyεm a εbεbɔ yεn ho ban afiri “ɔbonsam” ho, afiri Satan ankasa ho. Yesu ne yεn Awurade, Ɔsoro Ɔkofoɔ a ɔnam Asεnnua no ne ne wusɔreε firi owuo mu so kaa Satan guiε wɔ nkonimdie kεseε mu. Yεyε nkonimdifoɔ wɔ Nkonimdifoɔ ɔkεseε no ankasa, Nasaretni Nkonimdifoɔ , Awurade Yesu Kristo mu. Enti, agyidifoɔ yε honhom mu akofoɔ, Kristo asraafoɔ, nkonimdifoɔ a wɔnim deε εda asiane mu wɔ wɔne ɔtamfo no atorɔ ɔko no mu. Ɛsε sε yεfa adwene bi sε yεne ɔtamfo no bεko, sε yεde anidie bεgyina Kristo anan mu wɔ deε yεyε nyinaa mu, na yεagyina pintinn wɔ honhom mu ɔko no mu berε a yεde gyidie te sε abɔfra bata yεn Awurade Yesu Krsito Nyankopɔn ne Agya ho. Ɛnam ne so, yεbεtumi asi adeε biara a ɔtamfo no bεhyehyε atia yεn kwan. Ɛnam sε ɔbonsam nyansa kwan a εyε mmerε koraa ne sε ɔbεtwa atorɔ akyerε yεn nti, yεn akodeε kεseε pa ara ne sε yεbεdi nokorε no ho adanseε na yεapo sε yεbεgye atorɔ adi, ayε ahwεyie wɔ atorɔsεm a εyε akɔnnɔ sε yεbεgye atom ho. Nyankopɔn akodeε no fa biara fa nokorε a εwɔ Nyankopɔn ho wɔ Kristo mu fapem bi ho. Yei nti na εsε sε yεhunu akodeε ahodoɔ a εwɔ akoradeε dan no mu, na εnam sεdeε yεbεtaa de ayε adwuma so yεatumi de εho nimdeε a εfata atia ɔtamfo no yie. Mpεn dodoɔ a yεde yεn ho hyε mu no, yεko yie, sε Yesu Kristo asraafoɔ.

Emu nsεm

Made with FlippingBook Ebook Creator