Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
102 • Ko Gyidie Ko Pa no
nokorε sεdeε εbεyε a wɔn a mεkasa akyerε wɔn nyinaa bεtumi ate aseε na wo nokorε no ho aba mfasoɔ ama wɔn. Kyerε me wɔ saa ɔkwan yi so seesei berε megye w’Asεm ne nkyerεkyerε. Mesrε saa nneεma yi wɔ m’Awurade ne Agyenkwa, Yesu, din a ahoɔden wom no mu, Amen. 1. “Obiara ka honhom mu ɔko bi ho anaa? Ɛyε m’asom te sε Amerika sini mu nsεm bi!” Wɔ me ne m’adamfo bi a ɔnyε ogyidini nkɔmmɔdie fa ɔsɔfo no asεnka a εfa honhom mu ɔko ho no, Kristo suani kumaa bi nyaa ne suahunu a εdi kan wɔ akyinnyeε ankasa a εfa honhom mu nneεma a εwɔ hɔ ho. Na Debbie adamfo, Ralph, taa tie Debbie sε ɔne no kyε ne gyidie wɔ Kristo mu, sεdeε Yesu wuu wɔ Asεnnua no so sεdeε ɔbεtumi atua adasamma bɔne ho ka, kaa ɔtamfo no a ɔnam owuo ho hu so ama adasamma ayε nkoa no tumi guiε. “Deb., deεn na wokaeε no? Wogye di sε yεwɔ honhom mu ɔko bi mu?” Debbie buaa sε, “Aane, Twerε Kronkron ka sε wiase nyinaa wɔ ɔko mu, na nnipa tamfo ankasa nyε wɔn ho wɔn ho, na mmom Ɔbonsam, Satan, a n’atorɔ ne nnaadaa ama nnipa asɔre atia Nyankopɔn na wɔpira wɔn ho wɔn ho.” “Mennim sε mεtumi agye εno adi a, Deb. Wokyerε sε obiara ka honhom mu ɔko bi ho? Ɛyε m’asom te sε Amerika sini mu nsεm bi!” Afotuo bεn na wode bεma Deb sε ɔmfa mmua n’adamfo Ralph fa honhom mu ɔko a εwɔ hɔ ho? 2. “Atorɔ ne wiase akodeε a εyε hu pa ara, εyε den kyεne bεmma a εyε den pa ara.” Yei ne adwene a Twerε Kronkron akyerεkyerεfoɔ a wɔyε adeε pa ara no mu baako, Rev. Dr. John Scott wɔ. Ɔkyerεkyerεε bebree faa Twerεsεm asekyerε ho, na ɔgye dii sε wɔ honhom mu ɔko a Yesu suani biara ka ho bi mu no, adeε a εdi akotene pa ara yε nokorε no, εne sε, εdeεn ne nkyerεaseε kann ankasa ma wiase, abrabɔ, ne nneεma a εbεba. Na ne nkyerεmu ne sε nokorε a εwɔ Twerεsεm (a εyε, Nyankopɔn Asεm) mu bεtumi ama yεahunu, asɔre atia, na yεahyε atorɔ a ɔtamfo no de ba yεn so no anan mu. Wodwene kasasin: “Atorɔ ne wiase akodeε a εyε hu pa ara” ho sεn? Wobεtumi adwene atorɔ ho nhwεsoɔ bi wɔ abakɔsεm mu a nnipa gye diiε a εde nneεma bɔne a wɔyε anaa wɔde yεε afoforɔ baeε, esiane sε nnipa gyee atorɔsεm diiε sε nokorε? 3. “Mpεn dodoɔ a woyε no, εna wotumi yε no yie.” Yεn nyinaa wɔ suban bi, a, sεdeε εteε no, εwie sε εka suban a εhia yie a nnipa wɔ ho. Ɔkwan bi so no εyε nokorε tiawa. Mpεn dodoɔ a woda suban, adwene, nneyεε, anaa abrabɔ bi adi no, εyε mmerε sε wobεyε no bio --, na εtaa si sε, yεyε deε εyε papa no. Saa ara na, Nyankopɔn ama yεn nneyεε bi a εnwene yεn wɔ honhom mu (wɔtaa frε no ahohyεsoɔ) a εma yεn ahoɔden a yεde ko tia ɔtamfo no yε kεseε. Mpεn dodoɔ a yεkyerε Kristosom abrabɔ ahohyεsoɔ (nhw., bɔ mpaeε, ne agyidifoɔ afoforɔ som, kenkan, sua na yεwe Twerεnsεm gu yεn tirim, na yεsom Nyankopɔn) no, yεn ho bεyε den
Nkitahodie
Made with FlippingBook Ebook Creator