Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 8 Nneεma a Yεde Yε Adwuma • 105

3. Agyidifoɔ wɔ ɔko mu a εnyε wɔne ɔbonsam nko ara na mmom wɔne deε Twerε Kronkron frε no “wiase,” ne “honam” (wɔn ara bɔne su) nso. Satan nam wiase yi nhyehyεeε a εwɔ anisoɔ ho akɔnnɔ so sɔre tia agyidifoɔ, εna wɔ wɔn mu no, ɔma wɔde wɔn ho ma wɔn bɔne akɔnnɔ. Fa Twerεnsεm a εwɔ aseε no ma wɔn asekyerε a εyε papa.

a. Yakobo 4.4

___ Ɔtamfo no hwehwε sε ɔbu yεn ahofama ma Kristo abomfiaa ___ Sε woyε wiase adamfo a, woyε Nyankopɔn tamfo ___ Ɔbonsam bɔ agyidifoɔ kwaadu, hwehwε sε ɔbεbu wɔn fɔ wɔ Nyankopɔn anim ___ Nnaadaa yε ɔtamfo no akodeε a wayi sε ɔde bεpira agyidifoɔ wɔ wɔn nanteε mu

b. Yuda 3-4

c. 2 Kor. 11.3

d. Adi. 12.10

4. Ɛwɔ sε agyidifoɔ fa Nyankopɔn akodeε nyinaa sεdeε wɔbεtumi agyina wɔ da bɔne no mu, na wɔsi ɔtamfo no kwan wie a, wɔagyina pintinn wɔ gyidie no mu. Kenkan Efesofoɔ 6.12-18. Fa Nyankopɔn akodeε afa no mema nneεma a εka ɔfa biara ho.

a. Abɔsoɔ

___ Nkwagyeε

b. Nkataboɔ

___ Honhom no, Nyankopɔn Asεm

c. Mpaboa

___ Asomdwoeε asεmpa no kradoyε

d. Ɛkyεm

___ Nokorε

e. dadeε kyε

___ Gyidie

f. Afena

___ Tenenee

5. Wɔ yεn honhom mu ɔko mu no, Awurade ne yε ahoɔden ne εkyεm, a εma yεko tia ɔbonsan atorɔ, atorɔsεm, ne nnaadaa. a. Kenkan Mat. 4.1-11. Sεn na Yesu sii ɔtamfo no sɔretia ne nsɔhwε kwan?

Made with FlippingBook Ebook Creator