Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
106 • Ko Gyidie Ko Pa no
b. Kenkan Nnwom 18.31-48. Bobɔ akwan mmiεnsa a Awurade fa so siesie ne honhom mu ɔsraani na wasi ɔtamfo no nyansa kwan ano. i. ii. iii. c. Kenkan Nw. 144.1-10. Sεn na Awurade kyerεkyerε yεn sε yεnko ntia “ɔtamfo” a εyε, atorɔ ne atorosεm a yεhyia da biara?
6. Ɛsε sε honhom mu ɔsraani no fa Nyankopɔn akodeε, na εsε sε ɔdwira ne ho firi deε εsi wɔn kwan wɔ n’akyiridie nyinaa ho. Kenkan 1 Timoteo 6.11-16. Ɛdeεn na εwɔ sε modi akyire na moatumi ako gyidie ko pa no?
7. Bɔne bu yεn mmɔdemmɔ abomfiaa wɔ ɔko mu, na εbεtumi ama yεn aba mu abu. Nanso, sε yεyε bɔne a, Nyankopɔn ama yεn odimafoɔ a ɔgyina yεn anan mu wɔ Agya no anim. Kenkan 1 Yohane 2.1-2. Sε yεyε bɔne a, hwan ne yεn dimafoɔ, a ɔkasa ma yεn? 8. Ɛmfa ho ne sεdeε bɔne ho ɔko no bεtumi ayε den ne abamubuo no, Nyankopɔn dɔ hyε bɔ sε yεbεtumi ayε nkonimdifoɔ wɔ awieeε. Kenkan Romafoɔ 8.28-39. Fa nsεm hyehyε baabi a wɔgyigya no: a. Nneεma nyinaa bom yε adwuma ma ____________ ma wɔn a wɔafrε wɔn sεdeε ne ______________________ (nky. 28). d. Yeinom nyinaa mu no yεkyεne _______________________________ εnam ɔno a ɔdɔɔ yεn nti (nky. 37). e. Bobɔ nneεma a εnni tumi sε εbεte yεn afiri Nyankopɔn dɔ a εwɔ yεn Awurade Yesu mu ho (nky. 38-39 9. Honhom no afena ne Nyankopɔn Asεm, yεn Nyankopɔn-ahome (nkuranhyε) Twerεnsεm a εdi mu sε εbεma na asiesie yεn ama deε yεhia nyinaa sεdeε yεbεgyina akɔduru awieeε na yεabɔ mmɔden wɔ yεn frε wɔ Kristo mu. Kenkan 2 Timoteo 3.16-17. Bobɔ nneεma a Twerε Kronkron mfa mma yεn mma adwuma pa biara. b. Sε Nyankopɔn wɔ yεn afa a _____________________ yεn? (nky. 31). c. Hwan na ɔbεtumi ate yεn afiri _________________ Kristo? (nky. 35).
Made with FlippingBook Ebook Creator