Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 8 Nneεma a Yεde Yε Adwuma • 107
10. Sεdeε yεbεdi mu wɔ honhom mu ɔko mu no, εsε sε yεde nyamesompa suban a εbεma yεaso aba wɔ yεn Kristosom abrabɔ mu nyinaa ka yεn gyidie ho. Kenkan 2 Petro 1.3-11 na bua deε εdidi soɔ yi:
a. Ɛdeεn na ne soro tumi de ama yεn? (nky. 3)
b. Ɛnam sε yεwɔ ne bɔhyε a εyε kεseε yie na εsom boɔ no nti, εdeεn na yεnya mu kyεfa? (nky. 4) c. Sε yεde papayε ka yεn gyidie ho wie a, εdeεn bio na εwɔ sε yεhwehwε? (nky. 5-7) d. Sεn na yεbεyε afiri mmerεyε ne εnso aba ho wɔ yεn Awurade ho nimdeε mu? (nky. 8)
e. Ɛdeεn na εyε nokorε fa obi a ɔnni saa suban yi ho? (nky. 9)
Ogyidini wɔ Kristo mu biara ne wiase, honam, ne ɔbonsam wɔ akodie. Yei nyε basabasayε a εtia nnipa anaa nipadua ntɔkwa, na mmom εtia wiase ahonhommɔne a wɔhwehwε sε wɔnam atorosεm ne nnadaa so daadaa, kyea anaa sεe agyidifoɔ. Ɔbonsam nam sε gyata a ɔbobom, hwehwε obi amene no (1 Petro 5.8-9), εwɔ sε yεyε krado, hunu ne nhyehyεeε ne mmradεtoɔ. Yεn adwene ne akoma so sa a ɔbεtu no bεyε kεseε pa ara ne daa. Sεdeε yεbεsi ɔtamfo no kwan wɔ ɔko da no mu no, Nyankopɔn ama agyidifoɔ ɔsoro akodeε, “Nyankopɔn akodeε no nyinaa,” wɔde ama sε yεde bεyε adwuma wɔ yεn honhom mu akodie mu. Ɔtamfo no akodeε ne atorɔ, a Twerε Kronkron twa no mfoni sε ɔbɔnefoɔ no agyan a εredεre, a gyidie kyεm (Nyankopɔ akodeε no fa baako) nko ara na wɔbεtumi de adum no. Deε εka ho ne sε, wɔama yεn nokorε abɔsoɔ, tenenee nkataboɔ, asomdwoeε Asεmpa no mpaboa, nkwagyeε dadeε kyε, ne Honhom no afena, Nyankopɔn Asεm no. Mma w’aba mu mmu berε a wode wo ho hyε saa honhom mu akodie yi mu: Fa wo kyεfa wɔ amanehunu ne ɔhaw a εyε den mu te sε Kristo sraani pa. Kae sε, ɔsraani a ɔwɔ adwuma mu biara nni hɔ a wɔsum no fidie na ɔkɔhyε atεkyε mu wɔ daa daa teman-muni akyiridie adwuma mu, berε a wɔn botaeε baako ne sε wɔbεsɔ nea ɔfaa wɔn sε wɔnsom no ani (2 Tim. 2.3-4). Ɔtamfo no sa a ɔtu wɔ atorɔ, kwaadubɔ, afɔbuo, ne nneεma a εmfata mu no bεtumi ataa asi. Woresua sε wobεko ka ho sε woresua sε worempa aba, wobεyε ɔhohyεsofoɔ ne nokwafoɔ. Mpεn dodoɔ a wode Nyankopɔn akodeε yε adwuma wɔ wo ko mu tia ɔtamfo no atorɔ no, mpεn dodoɔ no na wobεgyina ne nkonimdie mu. Nya aboterε na twεn Awurade.
Muabɔ
Made with FlippingBook Ebook Creator