Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
108 • Ko Gyidie Ko Pa no
Mmataho a εfa saa adesua yi ho a εwɔ sε wosua na wosusu ho na εdidi soɔ yi: Sεdeε wobεhyε aseε asua Twerε Kronkron (Mma. 3) Worete Twerε Kronkron ase wɔ Ɛfa bi ne ne Nyinaa (Mma. 13) Twerεnsεm Muabɔ Hwεbea (Mma. 17) Apam Foforɔ Nnidisoɔ-nnidisoɔ Pono (Mma. 18) Mesaia Nkitahodie: Nsεmpa no Abusuabɔ (Mma. 19) Ma Nyankopɔn Nsɔre! “A” Nson a εwɔ Awurade Hwehwε ne N’Adom Srε ho (Mma. 23) Ɔhaw ankasa a εwɔ Kristosom abrabɔ mu ba berε a wonyane anɔpa biara. W’apεdeε ne w’anidasoɔ nyinaa wɔ da no mu bɔ twi ba wo so te sε wiram mmoadoma. Na adwuma a εdi kan anɔpa biara ne sε wopia wɔn nyinaa kɔ akyire kεkε; berε a woretie saa εnne baako no, worefa saa adwene baako no, worema saa abrabɔ kεseε, ahoɔden, dinn baako no atene aba mu. Saa ara, da no nyinaa. Yεbεtumi ayε no mmerε tiawa mu mfitiaseε no. Nanso εfiri saa mmerε no, ahoɔden foforɔ bi bεtrεtrε wɔ yεn nipadua mu; εfiri sε seesei yεrema No kwan na wayε adwuma wɔ yεn fa a εyε papa. Ɛyε nsonoeε a εda mfoniaduro, a wɔde aka ani kεkε, ne ahosuo anaa nkekaeε a εdɔn no korakora mu. ~ C. S. Lewis. Richard J. Foster ne James Bryan Smith, Eds. Devotional Classics: Revised Edition: Akenkan a Wɔayiyi ama Ankorankoro ne Akuo. Renovare, Inc. (HarperCollins Publishers), New York. 1993. p. 9. Kenkan na susu nsεm ne adwene a εdidi soɔ yi ho, na gyina asuansεm a wosuaa wɔ soro no so ma mmuaeε ne nhumu wɔ wɔn gyinaeεsie ho. 1. “Ɛnyε biribiara a εba w’adwene mu na εfiri Awurade. Sua sε wobεhunu baabi a εfiri!” Ɛsε sε agyidifoɔ afoforɔ te aseε sε wɔn adwene yε akono ma honhom mu akodie. Ɔtamfo no wɔ yεn adwene mu hokwan, na ɔbεtumi asusu atorɔ, atorɔsεm, anaa nkontonoeε akyerε agyidifoɔ. Sε wɔgye saa nnaadaasεm yi di a, wɔbεtumi de abufuo, nkontompo aba, na akɔfa ɔsεeε nneyεε ne suban aba. Ɛwom sε yεwɔ ɔsoro akodeε a yεde bεsi atorɔsεm ne adwenkyerε a yεhyia kwan, nanso εsε sε yεhunu sεdeε “yεbεyi ɔbonsam ano aniεdenso,” εne sε, yεde Twerεnsεm ko tia atorɔ a ɔtamfo no to ba yεn so. Kenkan Yesu ne ɔbonsam ho amannebɔ a εwɔ Mat. 4.1-11 no bio. Sεn na Awurade sii ɔbonsam nsɔhwε no kwan? Na n’akodeε yε deεn? Sεn na Yεn sa a yεtuo no akodeε nyε wiase deε (2 Korintofoɔ 10.4).
Mmataho
Nnyinasosεm a Ɛhia Nsεm mu Nhwehwεmu
Made with FlippingBook Ebook Creator