Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 8 Nneεma a Yεde Yε Adwuma • 109

ɔbuaa akohwisεm a Satan de maa no berε a na ɔwɔ εserε no so? Deεn na yei bεtumi akyerε yεn fa yεn ara honhom mu akodie ho εnnε? 2. “Mentumi mfiri saa amena yi mu da. Daabi da.” Ɛnnε wiase a εredwane yi mu, akokwa obiara sε ɔnya deε wɔhia ntεm, ahoɔhare so ne tɔɔtee. Obiara mpε sε ɔbεyε adwumaden akyεre ansa na wɔanya deε wɔpε, anaasε deε wɔte nka sε wɔhia. Suban bi te sei bεtumi anya nhyεsoɔ wɔ Kristosom abrabɔ so. Ɛwom sε wɔnam Kristo mu gyidie so de nkonimdie, ɔgyeε ne banbɔ ama (1 Kor. 15.57; Yohane 5.24; Rom. 8.35-39; Efe. 1.3), εsε sε yεsua sεdeε yεko, ne sεdeε yεtwεn nkonimdie no. Akristofoɔ nkumaa aba mu taa bu ntεm, nkanka berε a wɔhyε aseε yie, na wɔhyia ntwesan bi. Ɔhaw; amaneε ne nsɔhwε bεtumi ayε deε εyε den ne ɔbrε, na εbεtumi ama yεn werε aho. Akristofoɔ a wɔyε den mpo εbεtumi ato wɔn berε a wɔn ani nna, na wɔma ɔtamfo no nsɔhwε ne atorɔ kwan. Wodwene sε εdeεn na εwɔ sε ogyidini yε berε a wɔn werε ho yie na wɔgye di sε wɔrentumi mfiri wɔn ka no mu: yε-bɔne-no, srε bɔne fakyε, yε bɔne-no, srε bɔne fakyε bio, saa ara anaa? Ɛdeεn na woka kyerε Okristoni a ɔrenyini a ɔgye di sε bea anaa asεm bi yε den ara ma wɔdwene sε wɔrentumi nni so nkonim? 3. “Nkonimdie safoa wɔ ɔko no mu ne mmɔdemmɔ. W’adesua a εdi kan na εtwa toɔ ne sε mpa aba da.” Wɔ ne kasa mu fa honam ne Honhom mu aperedie ho kyerε Galatiafoɔ no, Paulo bɔɔ ne nkyerεkyerε mua wɔ saa kwan yi so: Mma kwan ma wɔnnyimi anaa nnaadaa wo: Wɔrensi Nyankopɔn atwetwe anaa ɔremma kwan ma wɔnyi no nsi nkyεn, εfiri sε deε onipa yi sε ɔbεguo no, εno ara pεpεεpε na wɔbεtwa. Deε ɔgu ma ɔno ara akɔnnɔ bɔne pε no bεfiri saa honam mu ɔpε korɔ no ara mu atwa porɔeε ne ɔsεeε, na deε ɔgu ma Honhom no bεfiri Honhom korɔ no ara mu atwa daa nkwa. Mommma yεmmrε anaa yεn aba mu mmu wɔ papayε mu, na ne berε a εsε mu no sε yεampa aba a, yεbεtwa so aba nokorε mu. Enti, yεwɔ berε a εfata sε yεyε papa a, momma yεnyε mma obiara, nkanka ne wɔn a wɔyε Nyankopɔn gyidie no fiefoɔ, anuanom agyidifoɔ wɔ Kristo mu (Gal. 6.7-10). Paulo ka sε εnsε sε yεbrε wɔ papayε mu. Nsεm foforɔ mu no, εnsε sε yεgyae ansa na yεanya yεn botaeε no, honhom mu. Ɔhyεε Galatiafoɔ agyidifoɔ no bɔ sε sε wɔampa aba a, wɔbεtwa wɔn afɔrebɔ so aba. Na biribiara a εwɔ wɔn akodie mu gyina sεdeε wɔde deε na wɔabεhunu no yε adwuma, de gyidie ho adesua a na Paulo akyerεkyerε wɔn no yε adwuma. Ɔhyεε wɔn bɔ sε sε wɔampa aba a, wɔbεtwa wɔn mmɔdemmɔ so aba Sε woredwene wo ho a, nneεma bεn na εde ɔhaw brε wo kεse, kyεne biribiara, a εma wopa aba, ma kwan, na wogyae ko? Ɛdeεn na wobεtumi

Made with FlippingBook Ebook Creator