Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Nnianim • 11

Abusuabɔ. Saa ɔfa yi twe adwene kɔ w’adebisa ne mmamu (“woregyina so ayε”) a εwɔ adesua no nokorε a εyε mu. Ɛsε sε wode deε wosua no toto sεdeε wodwene, kasa, bɔ wo bra, na wo ne afoforɔ di nkitaho ho. Enti hwehwε akwan a wobεtumi de deε woresua no atoto w’ankasa abrabɔ ho wɔ saa ɔfa yi mu. Adansedie. Saa ɔfa tiawa yi yε nokorε bi a wɔyi firi nneεma a εwɔ adesua no mu a yεbεtumi, na εwɔ sε yεpae mu ka na yεdi ho adanseε wɔ nnawɔtwe no mu nyinaa. Mpaebɔ. Yεde mpaebɔ a εfiri Asɔre no mu onipa titire bi hɔ ka ho, na ama woahunu adesrε ne mpaebɔ a wɔde ama a εne yεn adesua nsεntitire no kɔ wɔ asɔre no abakɔsεm mu nyinaa. Akoma mu Su kyerε Awurade. Yei yε mpaeε a εwɔ sε wobɔ wɔ adesua no awieeε. Wobεtumi ayε mpaebɔ atwerε a εdi kan na afei woatwerε no yie (te sε Nnwom a εwɔ Twerε Kronkron mu no)! Saa mpaebɔ yi boa yεn ma yεbisa Awurade adom a yεhia sε yεgye na yεdeka nokorε a wakyerε yεn wɔ saa adesua yi mu no ho. Ɛyε ahobrεaseε, adesrε ne akokoɔduro mpaebɔ. Bɔ no wo tirim, εne w’ano, sεdeε Honhom no kyerε wo. Ma Adesua Bebree. Saa nneεma yi yε nsusuiε ma wo berε a wopε sε wosua bebree fa atifiasεm a yεasua ho adeε yi ho. Ma Ɔfa a Ɛdi Soɔ. Saa nneεma yi di kan hwε atifinsεm ne nsεntitire a εwɔ adesua a εdi soɔ wɔ nnidisoɔ no mu, na εma wohunu adeε a εwɔ deε εdi soɔ no mu tiawa, kamakama. Twerεsεm Nkaekaeε. Yεgye di yie sε sε yεde Asεm no sie (kaekae) wɔ yεn Akoma mu a, yεrenyε bɔne ntia Awurade (Nnwom 119.11). Yεretumi asua Asεm no berε biara yε nkuranhyε a edi mu ma akoma no, ne aboadeε a εtia ɔtamfo no nnaadaa. Ne saa nti, adesua biara bεwɔ nkyekyεmu baako a wobεkaekae, sεdeε anyε koraa wobεtumi de twerεsεm baako ato wo tirim a εbεtumi akae wo nokorε a wosuaeε no, na aboa wo wɔ wo nanteε mu wɔ nnawɔtwe no ne nnawɔtwe a εbεba no mu. Dwumadie. Saa ɔfa a εtwa toɔ yi kuta “fa kɔ” ne nnwuma pɔtee bi a wobεyε berε a wowie adesua no. Wɔayε yeinom sε εbεyε mmoa na atumi ayε adwuma. Sε wobεyε saa nnwuma yi, afa no asεnhia, na woabɔ mmɔden ayε no yie ma εho ate a, adeε a woresua no bεyε mmɔho kεseε pa ara. Wɔayε no sεdeε εbεboa ma woanyini wɔ Kristo mu εnam hann a εwɔ adeε a wosuaeε nkyεree no mu nti. Enti mesrε, wie nnwuma no, na wie no ntεm. Sε woannwene saa nokorε yi ho kεkε na mmom wode di dwuma ankasa a, εbεboa w’adesua yie pa ara.

Made with FlippingBook Ebook Creator