Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

10 • Ko Gyidie Ko Pa no

adesua no mu, sεdeε yεbεtumi ate aseε na yεagye deε Awurade wɔ ma yεn nyinaa. Nkitahodie. Nkitahodie fa no yε “onyini nkanyan” fa bi a εma wo ho kwan ma wohyε adesua no ase berε a woresusu abrabɔ mu nsεmmisa, nsεnsεm, ne tebea a εfa saa botaeε yi ho. Nya berε pa ara ma saa nhwεsoɔ yi, na dwene nsunsuansoɔ a εwɔ saa nsεnsεm yi ho yie. Ɛbεbue w’adwene ne nhwehwεmu mu berε a wokɔ anim wɔ adesua biara mu. Emu Nsεm. Emu nsεm fa no ma nnianim nkyerεkyerεmu fa adeε a yεrebεsua no ho, na εma nsεmmisa ankasa ne twerεnsεm ntotoho a yεbεbua na yεahwehwε ama saa adesua korɔ no. Muabɔ. Yεahwehwε Twerεnsεm, na yεabua nsεmmisa a εwɔ Emu Nsεm fa awie no, adesua biara ma wo muabɔ a emu pi tiawa a εfa adwene titire ne nokorε a wɔyεε Emu Nsεm no sε εnhwehwε no ho. Yei boa sε akwankyerε ma wo sε wode bεhwε sε wonyaa “botaeε kεseε” a εwɔ adesua no mu wɔ w’ankasa Twerεnsεm sua mu anaasε woannya. Mmataho. Yεayε mfoni, amaneεbɔ, ne nwoma a εfata aka ho wɔ Mmataho no mu a εbεtumi aboa yie ma woatumi ate nneεma a εwɔ adesua no mu ase na wode adi dwuma. Hwehwε Mmataho a wɔde aka saa ɔfa yi ho mu, na εbεboa ma wo nteaseε a εwɔ nnyinasonsεm nhini ne botaeε a εwɔ adesua baako biara mu akɔ anim. Nnyinasosεm Titire. Saa adesua fa yi taa de nkyerεkyerε a εwɔ adesua no mu nyinaa bom wɔ kasamu anaa nkyekyεmu baako ase. Nsεm mu Nhwehwεmu. Saa ɔfa a εhia yi, ma wonya kwan dwene nsunsuansoɔ a εwɔ w’adesua no so wɔ nsεm a εbεtumi asi ne deε εsi ankasa nnyinasoɔ so. Nokorεdie nyε tiawa ara sε woredwene na woresusu kεkε; osuaniyε fa abrabɔ ankasa ho, nsεnsεm ankasa a εne nnipa redi asie, a εwɔ nkεntεnsoɔ (nhyεsoɔ) na εka wɔn abrabɔ. Wɔayε no sεdeε εbεkanyan w’adwene, aboa wo sε osuani a worenyini, ama woahunu sεdeε wode Ayεsεm no ne ne nokorεdie bεtoto w’ayεsεm ne nokorεdie ho. Yεrehunu nokorε no nyε sε εbεma yεayε anyansafoɔ na mmom sε εbεma yεanya yεn fahodie. (Yohane 8.31-32). Deεn na εho hia kyεne “mmuaeε a εyε nokorε” ne “ahobrεaseε adesua.” Wobεhunu wɔ Twerε Kronkron sua mu sε mpεn pii no mmuaeε baako a εyε nokorε pefee mpue mfiri yεn nhwehwεmu mu. Mmom, wɔafrε yεn sε yεnnwene ho, yεnsua adeε ahobrεaseaε mu, sε yεnsɔ ade nyinaa nhwε na yεnsɔ deε εyε no mu den (1 Te. 5.21). Fa saa nsεm yi hwehwε deε εbεtumi ayε deε woasua no seesei ara no nkyerεaseε, na ma Honhom no nsesa sεdeε wote nsεm nsonoeε a wobεhyia wɔ adesua no mu ase.

Made with FlippingBook Ebook Creator