Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Nnianim • 9
Adesua 6 , Nkuranhyε a Yεhwehwε: Yεrehyε Yεn Ho Yεn Ho Den wɔ Kristo Nipadua mu hwehwε adwene a εwɔ Kristosom abrabɔ mu sεdeε wɔahyehyε sε yεtena wɔ mpɔtam (baabi a yεte), yεrenyini bom sε Nyankopɔn abusua, sε Kristo nipadua ne Honhom Kronkron no asɔrefie. Wɔafrε yεn sε yεne afoforɔ ntena wɔ Kristo abrabɔ mu, nhunu ne nokorε mmom, nsɔre Nyankopɔn na yεnnyini sε Kristo asuafoɔ, berε a yεne agyidifoɔ afoforɔ di nkitaho wɔ asafo no ne akuo nkumaa mu. Sε yεyε yei a, yεyε kεseε (yεhyε den) wɔ yεn gyidie mu, na yεbεsua sεdeε yεbrε yεn ho ase ma yεn ho yεn ho wɔ anidie (obuo) mu ma Kristo. Adesua 7 , Ɔtamfo a Yεne no Ko: Yεrenante Nkunimdie mu Atia Nyankopɔn Tamfo no, kyerεkyerε Ayεsεm kεseε a yεakɔka ho no su. Wiase wɔ honhom mu ɔko mu – ɔbonsam ne esum ahemman reko tia Awurade Yesu Kristo ne hann Ahemman no. Wɔ n’abrabɔ, ne wuo ne wusɔreε mu nyinaa Yesu dii nkonim wɔ yεn tamfo no, ɔbonsam so, a ɔkɔ so ara nam nnaadaa so yε adwuma wɔ saa wiase nhyehyεeε a ahwe ase yi mu ne yεn bɔne su dada no, a εne, “honam akɔnnɔ no.” Yεdi ne so nkonim berε a yεnante wɔ Kristo mu gyidie mu, na yεyε ahwεyie wɔ ɔbonsam mmɔdemmɔ sε ɔnam atorɔ ne nnaadaa so bεdaadaa yεn ho. Adesua 8 wɔato din sε Nneεma a Yεde Di Dwuma: Yεrehyε Nyankopɔn Akodeε Nyinaa. Ɛkyerεkyerε mu sεdeε Nyankopɔn ama ogyidini biara akodeε a εhia sε ɔde bεsi ɔtamfo no kwan na wagyina pintinn berε a ɔtoa no. Nokorε a εwɔ Twerεsεm (a εne, Nyankopɔn Asεm) mu bεtumi ama yεahunu, asɔre atia, na yεahyε atorɔ a ɔtamfo no de ba yεn so anan mu, na Honhom Kronkron no hyε yεn den ma ɔko no berε a yεde honhom mu ahohyεsoɔ yε adwuma, sε yεn nko ara anaa yεne agyidifoɔ afoforɔ bom. Adesua 9 ne yεn adesua a εtwa toɔ, a yεfrε no Abodwokyεre a Yεkyerε: Ahotefoɔ no Mmɔdemmɔ. Wɔ saa adesua yi mu, yεhunu sε nnyinasosεm titire a εwɔ Kristo mu nyini mu ne sε yεresua sε yεbɔ mmɔden, yεyε krado, na amfu yεn mu (amma yεn so mpofirim). Sε Kristo ananmusifoɔ no, εsε sε yεkɔ so pere kɔ anim ma akatua no, εmfa ho ne sεdeε εbεtumi ayε den afa. Honhom Kronkron no bεma yεn tumi de agyina nokorε mu ama yεn frε, na sε yεgyina Kristo ananmu nokorε mu a, ɔde yεn bεhyε agyidifoɔ afoforɔ den wɔ wɔn ko mu. Adesua Biara ho Mfoni: N’afa ne Ɛho Nneεma Wɔakyε adesua biara mu akɔ afa atitire korɔ mu, a εmu biara twe adwene si biribi a εho hia sε woyε so berε a wohwε mu. (Yei ho hia yie pa ara sε wohyε no nso berε a wo ne afoforɔ wie saa nwoma yi mu hwε, sε ɔkannifoɔ anaa kuo ketewa boafoɔ). Adesua Botaeε. Saa botaeε yi, mmiεnsa ma adesua biara, bεboa ma woate deε εwɔ sε wote aseε na wogye di ase pεpεεpε berε a wowie adesua no, sε wo nko ara na woresua anaa wo ne afoforɔ. Nyansasrε Mpaebɔ. Saa mpaebɔ a yεhyε wo nkuran sε ka na εmpue yi, bisa Awurade sε ɔnsiesie yεn akoma ansa na yεawura yεn Twerε Kronkron ho nokorε
Made with FlippingBook Ebook Creator