Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

8 • Ko Gyidie Ko Pa no

wɔ Kristosom mu gyidie ne nanteε nnyinasonsεm ho. Adesua no atifinsεm, ne nkyerεkyerεmu tiawa fa adesua biara ho nie. Adesua 1 wɔato din sε Ayεsεm Tenten a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu: Yεde Yεn Ayεsεm rebɔ Nyankopɔn Ayεsεm mu. Saa adesua yi boa ma wohunu sε amansan Nyankopɔn, Awurade Otumfoɔ Nyankopɔn no, ne nokorε, onniawieeε Nyankopɔn baako pε, a ɔwɔ hɔ wɔ Nnipa baasa mu: Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron. Ɔno na ɔbɔɔ nneεma nyinaa, deε aniwa hunu ne deε aniwa nhunu, na ɔyεε nnipa wɔ ɔno ara nsεsoɔ so. Saa adesua yi susu Satan atuateε ne nnipa nta a wɔdi kan, Adam ne Hawa, ne sεdeε εnam wɔn asoɔden nti wɔdomee adebɔ nyinaa. Nanso, Nyankopɔn hyε yεn bɔ fa Agyenkwa bi a ɔbεdi bɔne so nkonim na wanya biribiara asane ama Nyankopɔn animuonyam ho. Adesua 2 , Ɛho a Yεkɔka: Yεregye Yεn Dwumadie Atom wɔ Ɔsoro Akodie a εfiri Tete no mu, susu sεdeε Nasaretni Yesu dii ɔbɔnefoɔ no so nkonim na εgye yεn firi Nnome no ase εnam n’abrabɔ a εfi nni ho na ɔwu maa yεn nti. Afei εnam adwensakyera (yεredane afiri yεn bɔne ho akɔ Nyankopɔn nkyεn) ne gyidie (yεregye nokorε a εfa Kristo adwuma ho adi) so, yεwura Nyankopɔn Ahemman no mu. Ɔnam n’adom so gye yεn, wɔbɔ yεn asu kɔ Kristo Nipadua mu, na wɔma yεn Honhom Kronkron no sε εbεboa yεn wɔ yεn Kristosom abrabɔ mu. Adesua 3 , Ɛkwan a Yεnya: Yεde Yεn Abrabɔ Retoto Nyankopɔn Abrabɔ ho wɔ Kristo mu, kyerεkyerε wo sεdeε εnam gyidie so wɔde wo ne Kristo abom (εne sε, seesei yεwɔ “Kristo mu”). Esiane saa nkabom yi nti, wogye na wofa deε Kristo teε na ɔma nyinaa mu. Ɛnam Nyankopɔn Honhom so yεbεyε ne fiefoɔ, a Kristo ne ne tweatiboɔ, na asomafoɔ ne nkɔmhyεfoɔ no yε ne fapem. Agyidifoɔ asafo biara di dwuma sε Nyankopɔn Ahemman bɔfoɔ fie, a εgyina hɔ ma deε ɔsoro ankasa ani wɔ so. Yεn agyidifoɔ yε saa Ahemman no ananmusifoɔ ne abɔfoɔ. Adesua 4 wɔato din Adomakyεdeε a Yεgye: Honhom Kronkron no Asεdeε wɔ Gyidie Ko Pa no mu. Saa adesua yi twe adwene si sεdeε Honhom Kronkron no tena ogyidini biara mu, na εma obiara akyεdeε a ɔde som asɔre no. Yεwɔ fahodie wɔ Kristo mu sε yεde yεn akyεdeε no di dwuma wɔ agyidifoɔ afoforɔ ntam, sεdeε Honhom Kronkron no ma akwanya, akwankyerε ne ahoɔden. Yεbɔ mu nyini berε a ogyidini biara som asafo no wɔ nkabom ne ɔdɔ mu. Adesua 5 , Deε Ɛkyεn soɔ a Yεkyerε: Yεretena sε Nyankopɔn Ahotefoɔ ne Kristo Ananmusifoɔ wɔ Saa Wiase yi mu no, yεhunu sε wɔafrε yεn sε yεnsuasua Nyankopɔn, sε ɔno ankasa mma a ɔdɔ wɔn. Wɔayε yεn Nyankopɔn ahotefoɔ (kronkronfoɔ) wɔ Kristo mu, na εwɔ sε yεgyina hɔ ma Nyankopɔn wɔ afoforɔ anim sε ɔno ankasa nkorɔfoɔ kronkron, asedafoɔ. Wɔasane afrε yεn sε n’ananmusifoɔ, sε yεne yεn ayɔnkofoɔ, abusuafoɔ, ne afipamfoɔ (wɔn a yεne wɔn te bεn) nkyε nkwagyeε Asεmpa no, na yεnyε ɔdɔ nnwuma pa, nnwuma ma Kristo, wɔ afoforɔ a yεsom wɔn mu.

Made with FlippingBook Ebook Creator