Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 9 Abodwokyεre a Yεkyerε Ahotefoɔ no Mmɔdemmɔ
Monkɔ so nwɔ mpaebɔ mu mmerε nyinaa wɔ Honhom mu, wɔ mpaebɔ ne nkotosrε nsεsoɔ ne yεbea biara bi mu. Na sε yei wɔ mo adwene mu no, momfa mmɔdemmɔ biara nyε krado, nsrε wɔ Nyankopɔn hɔ mma Nyankopɔn ahotefoɔ, ne nkorɔfoɔ kronkron nyinaa. ~ Paulo de ma Efesofoɔ (Eph. 6.18) Ɔfa yi nkɔ awieeε no, wobεgye Abodwokyεre a Yεkyerε ato mu berε a wobεgye adi sε: • Deε εhia pa ara wɔ Kristo mu nyini ne sε yεresua mmɔdemmɔ, ayε krado, na yεmma εmma yεn so mpofirim; εsε sε yεtu mmirika na yεtoa so kɔ nkonimboɔ no ho, εmfa ho ne sεdeε ne den bεyε biara. • Honhom Kronkron no ma yεn tumi a yεde gyina nokorε mu ma yεn frε ne ahofama berε a ɔboa yεn wɔ yεn akodie sε yεbεbɔ mmɔden wɔ mpaebɔ mu. • Berε a yεgyina nokorε mu ma Kristo, na yεgyina nokorε mu ma yεn frε no, wɔbεtumi de yεn ahyε agyidifoɔ foforɔ den wɔ wɔn ko mu. Onniawieeε Nyankopɔ, m’Agya, woka no wɔ w’Asεm mu sε wone nimdeε ne nyansa nyinaa farebae. Megye yei tom sε εyε nokorε, Agya dɔfoɔ, na mesrε sε ma me ɔsoro nyansa, na matumi akyε Nokwasεm no pεpεεpε (2 Timoteo 2.15). Mesrε sε kyerεkyerε me ɔkwan a memfa soɔ (Nnwom 32.8), na tutu m’anammɔn ma me. Ma m’aso nte wo nne, na tenetene me seesei wɔ sεdeε medwene na mekasa mu, na kyerε me kwan berε a mayera. Agya, ma me nhunumu akyεdeε, na sε mesua a ma menhunu nsonoeε a εwɔ nokorε ne atorɔ nkyerεkyerε, ahonhom, ne akyεdeε mu. Fa Honhom Kronkron no so kyerε me deε wo pε teε, na ma me nhumu wɔ sεdeε mede m’akoma nyinaa de wo tirimpɔ yε adwuma. Awurade dɔfoɔ, mesrε sε boa me na menyε ntεm nte na mentie, nyε nyaa nkasa, na menyε nyaa mfa abufuo (Yakobo 1.19). Ma m’anom nsεm ne m’akoma mu nkɔmmɔbɔ nsɔ w’ani. Ma me kwan na memfa nyansa nka wo nokorε sεdeε εbεyε a wɔn a mεkasa akyerε wɔn nyinaa bεtumi ate aseε na wo nokorε no ho aba mfasoɔ ama wɔn.
Botaeε
Nyansasrε Mpaebɔ
113
Made with FlippingBook Ebook Creator