Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

114 • Ko Gyidie Ko Pa no

Kyerε me wɔ saa ɔkwan yi so seesei berε megye w’Asεm ne nkyerεkyerε. Mesrε saa nneεma yi wɔ m’Awurade ne Agyenkwa, Yesu, din a ahoɔden wom no mu, Amen.

1. “Adεn nti na Akristofoɔ bebree, mpo asɔfo, redane wɔn akyiri ama wɔn gyidie?” Ɛnnε, nnipa bebree a wɔka sε wɔnim sε Yesu yε Awurade regyae wɔn gyidie, repa asɔre no, repo wɔn honhom mu ɔfrε wɔ Kristo mu. Yei yε nokorε a εnyε asɔremma kεkε a wɔwɔ asɔre no mu nko ara, na mmom wɔn a wɔgyina asεnkafoɔ adwa anim no nso ka ho. Wɔretoto nsɔre pii mu, na asɔfo bebree redane wɔn akyiri ma Twerεnsεm no ne Kristo. Bebree rebɔ mmɔden sε wɔbεkyerεkyerε saa nhwεsodeε yi mu, berε a afoforɔ hwehwε sε wɔbεtwa saa akyirisan yi so berε a wɔma Kristosom yε “anigyeε” na “mfasoɔ wɔ so” bebree. Adεn nti na wodwene sε, berε bi a εte sei mu, bebrebee refiri nsɔre a wɔahyehyε mu, na mpo wɔreka sε wɔnnye Kristo nni bio? 2. “Ayε den, na me werε aho me ho yie. Madwene ho ankasa sε mεsane m’akyi akɔ m’abrabɔ dada mu!” Agyidifoɔ nkumaa bebree taa hunu wɔn ho wɔ kyinhyia akɔneaba bi a εkɔ so wɔ mmerε a εfata ahofama ne ɔdɔ ma Kristo εne mmerε a wɔkɔ nsɔhwε mu na wɔtoto wɔn gyidie ase. Ɛbεtumi ayε abamubuo yie ama ogyidini foforɔ anaa Okristoni a ɔrenyini sε ɔhwe ase daa, na afei, ɔsɔre wɔ ahweaseε biara akyi na ɔtoa so. Sε mmuaeε ma saa kyinhyia yi no, Twerεnsεm ka sε, Na mprε nson na ɔteneneeni hwe ase na ɔsɔre, na abɔnefoɔ deε wɔhwe ase wɔ amanehunu ne ɔhaw mmerε mu (Mmε. 24.16). Kristosom abrabɔ som bo kεse pa ara, nanso εnyε mmrε. Adεn nti na εhia ma Kristo suani a ɔrenyini sε ɔbεnya aboterε ama ne ho berε a wɔkɔ so ne Nyankopɔn nante 3. “Yεsua setie wɔ kwan a Yesu suaeε so – nam nneεma a yεfa mu so.” Adesua a εyε den yie ma agyidifoɔ afoforɔ sε wɔbεsua no mu baako ne sε wɔanyε Kristosom abrabɔ sε εbεde ne ho korakora afiri ɔbrε, akwansideε ne ɔhaw ho. Yεbεtumi ate nka sε wɔayi yεn ama berε a yεsua deε ɔdwontofoɔ no kaeε: Ɔteneneeni amaneε ne ahiadeε dɔɔso, na Awurade gye wɔn firi εmu biara mu (Nw. 34.19). Sε yεreka nokorε a, yεbεpε sε yεmmrε da, na mmom yεakwati amanehunu ne nsɔhwε nsεsoɔ biara! Yεn mu bi di yea, na mpo wɔasisi yεn berε a εwɔ sε yεn, sε mma a Nyankopɔn dɔ yεn, fa awerεhoɔ ne asiane bebrebee mu. Na, sε woyε Okristoni foforɔ a, εbεyε den ama wo sε wobεbɔ mmɔden akokoɔduro mu wɔ akwansideε a εte sei mu. Nanso, Twerεsεm ma yεn awerεhyem sε sei na Kristo suaa n’adesua: Wɔ n’asase so abrabɔ nna mu no, Yesu de mpaebɔ ne nkotosrε maa Awurade, wɔ nteamu kεseε ne nisuo mu, de maa deε ɔtumi gyee no nkwa firii owuo mu no. Na, wɔtee Yesu nka εfiri sε ɔde anidie ne ahobrεaseε maa Nyankopɔn. Na Yesu yε ɔba nokorε mu deε, nanso ɔnam nneεma a

Nkitahodie

Made with FlippingBook Ebook Creator