Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 9 Abodwokyεre a Yεkyerε • 115
ɔhunuu mu amaneε no so suaa setie (Heb. 5.7-8). Ɛkwan bεn so na Kristo nhwεsoɔ no ma yεn anidasoɔ berε a yεsua sε yεde aboterε bεgyina yεn ara amanehunu mu wɔ yεn gyidie akwantuo mu?
Adesua a εtwaam ( Nneεma a Yεde yε Adwuma ) mu no, wosua faa yεn akodie akodeε ho. Wɔ saa ɔfa yi mu no wɔbεhyε wo nkuran na woanya mmɔdemmɔ ne boasetɔ wɔ gyidie ko no mu. Sε wobεnya boasetɔ wɔ biribi mu a, εnsε sε yεdwane firi ho. Ɛsε sε yεsi gyinaeε wɔ yεn Akoma mu sε yεbεdi nhyehyεeε a εne deε yεgye di na yεyε kɔ. Ɛnsε sε yεde yεn ho ma anaa yεdane yεn akyi. Mpo sε εyε den, ɔhaw, ne abamubuo a, yεsi yεn adwene pi sε yεbεtoa so, yεbεpere akɔ anim, yεbεnya Nyankopɔn bɔhyε ho awerεhyem na yεatwεn n’akwankyerε ne n’ahoɔden. Mmɔdemmɔ yε kronkron asoɔdenyε, yεmma amanehunu anaa nsɔhwε kwan sε εbεbu yεn aba mu ara ma yεadane yεn akyi ama yεn gyidie. Mmɔdemmɔ ka sε, “Ɛmfa ho ne deε εbεba biara, mennyae m’ahofama ma Nyankopɔn.” Ɛnam agyidifoɔ afoforɔ nkuranhyε, mpaebɔ wɔ Honhom Kronkron mu, ne gyidie wɔ Nyankopɔn bɔhyε mu so, yεbεtumi apere akɔduru yεn botaeε wɔ Kristo mu ho. Sε yεbεtumi adi yεn ahofama ma Asεmpa no ne yεn Awurade Yesu Kristo a wasɔre Ahemman no so a, gye sε mmɔdemmɔ. Enti, wɔbεtumi de gyidie ɔko pa ho mmɔdemmɔ no atoto asraafoɔ, ammirikatufoɔ ne akuafoɔ nhwεsoɔ ho (2 Tim. 2.1-8). Ɛsε sε asraafoɔ tumi gyina amanehunu ano, nni hwee wɔ mmerε tenten mu, wɔbrε anaa yε bosaa, anaa kɔ asiane mu. Ammirikatufoɔ siesie wɔn ho wɔ ewiem nsakraeε ne tebea nsεsoɔ nyinaa mu, si wɔn bo wɔ berε mpo a wɔabrε anaa wɔapira. Ɛwom sε akuafoɔ nni tumi wɔ nneεma ne ewiem nsakraeε ne nnɔbaeε so, nanso wɔde aboterε twεn nnɔbaeε. Ɛsε sε yεgyina te sε saa nhwεsoɔ yi. Ɛsε sε yεyε krado sε yεbεsɔ nneεma ahwε na yεadi nkoguo, na yεbɔ mmɔden bio, berε a yεnim sε awieeε no, ɔko no yε Awurade dea. Yεbεtumi adua nnuaba, anya aboterε, na yεahunu sεdeε yεbεtwεn Awurade. Sε yεyε saa a, Nyankopɔn de nnɔbaeε no bεba wɔ ne berε mu. Mpaebɔ yε ɔko berε tetefu titire ma asɔre no botaeε berε a εsɔre tia esum atumfoɔ ne annye annie. Ɛnyε nwanwa sε mpaebɔ nyε adwuma berε a yεyε no sε efie tetefu a yεde frε abansoro wɔ ateyie mu. Nyankopɔn de mpaebɔ ama yεn sε ɔko berε tetefu sεdeε yεbεtumi afrε adwumayεbea ti agye biribiara a yεhia berε a Kristo ahemman no kɔ anim wɔ wiase ~ John Piper. Momma Aman no Ani Nnye. Grand Rapids, MI: Baker Academic, 2010, p. 65.
Emu nsεm
Made with FlippingBook Ebook Creator