Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

116 • Ko Gyidie Ko Pa no

Abodwokyεre a Yεkyerε Adesua 9 Twerε Kronkron Adesua Kenkan Twerεnsεm a εdidi soɔ yi na bua nsεmmisa a εka εmu biara nyamesεm nkyerεkyerε ho no tiawa. 1. Akwansideε ne atamfo hwehwε sε wɔbεsi agyidifoɔ kwan sε wɔbεwie nyini na wɔaso aba ama Kristo. Kenkan Mateo 13.1-9, ne 13.18-23. Bobɔ nnuaba no tebea εnan no, na fa nsεm no ma nkyerεkyerεmu no.

a. Nnuaba a εguu kwankyεn ___ Ɛfifiriiε, owia hyee wɔn, na wɔkusaeε

b. Nnuaba a εwɔ aboɔ so

___ Nkasεε no miaa wɔn wɔ wɔn ntam

c. Nnuaba a εguu nkasεε so

___ Nnomaa bεsosɔɔ nnuaba no

d. NNuaba a εguu asase pa so ___ Ɛsoo ayuo, ebi 30, ebi 60, εna ebi 100 mmɔho

2. Ɛnam sε nnipa bebrebee a wɔabɔ mmɔden wɔ wɔn gyidie mu atwa yεn ho ahyia nti, εwɔ sε yεde biribiara a εbεtumi asi yεn kwan to nkyεn, Na yεma Kristo kwan na ɔboa ma yεwie. Kenkan Hebrefoɔ 12.1-11. Fa nsεm hyehyε baabi a wɔagyigya no:

a. Yεmfa _____________________ mmirika a εda yεn anim no (nk. 1).

b. Asotweε nti na yεgyina amanehunu mu; sε wɔtwe w’aso a, Nyankopɔn reyε wo sε __________________________ (nk. 7). c. Ayε sε asotweε nyinaa yε yea nanso akyire yi εso ________________ ma wɔn a wɔde atete wɔn (nk. 11). 3. Yεbεtumi asua mmɔdemmɔ berε a yεkae agyidifoɔ nokwafoɔ a wɔgyinaa nhyε ano wɔ amanehunu mu. a. Kenkan 1 Kor. 10.1-13. Sεn na agyidifoɔ nhwεsoɔ wɔ Twerεsεm mu no kyerεkyerε yεn fa mmɔdemmɔ wɔ gyidie mu ho? b. Kenkan Hiob 23.8-14. Ɛdeεn na yεbεtumi asua fa suban a εfata ho firi deε Hiob faa mu ne deε ɔyεeε wɔ n’amanehunu ne ɔhaw no mu?

Made with FlippingBook Ebook Creator