Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
120 • Ko Gyidie Ko Pa no
Deε yεde anigyeε kεseε a nteaseε wom ahunu no seesei, ne sε, nnyinasosεm korɔ, a εyε adwuma wɔ abɔdeεmunyansapε ne ammirikatuo ne nnwom mu no, yε adwuma wɔ yεn nyamesom suahunu mu nso. Ɛbaa so berε bi sε yεgye fahodie koraa wɔ nsεm a εtete saa mu, a yεde animtiabuo hwε wɔn a mmara bi hyε wɔn, nanso saa animtiabuo no atwam. Ɛyε yεn asεdeε sε yεhwε sε wɔn a wɔwɔ mmara a εwɔ sε wɔdi soɔ no wɔ tumi a εso wɔ hɔ. . . . Yεrehyε aseε ahunu nokorε nwanwasoɔ sε Okristoni ne obi a wɔde n’ahoɔden yε adwuma, soa Kristo kɔnnua na ne saa nti ɔpo fahodie a hwee nni mu. Yεhunu nneεma afoforɔ a εho hia wɔ Kristosom nkyerεkyerε mu sε, berε a ɔkwan a εkɔ ɔsεeε mu no yε tεtrεtε no, ɔkwan a εkɔ nkwa mu no ankasa yε heahea pa ara. Okristoni a yεnim no seesei no nyε nea ɔyε deε n’ani gye ho, na mmom, nea ɔhwehwε sε ɔbεsɔ Awurade ani ~ Elton Trueblood. Kristo Kɔndua no . Waco, TX: Word Books Publisher, 1958, pp. 130-131.
Di nokorε kɔduru berε a worewuo mpo mu na mεma wo nkwa abotire no. (Adiyisεm 2.10).
Nnyinasosεm a Ɛhia
Kenkan na susu nsεm ne adwene a εdidi soɔ yi ho, na gyina asuasεm a wosuaa wɔ soro no so ma mmuaeε ne nhumu wɔ wɔn gyinaeεsie ho.
Nsεm mu Nhwehwεmu
1. “Ɛyε me sε merenante si taatae – mekɔ soro, na maba fam, mekɔ soro, na maba fam.” Abarimaa bi a na wadi kan agye Awurade adi bosome kakra, de abamubuo kaa nsɔhwε ne ɔhaw a na ɔnam mu. Na wahyε aseε renya nkorɔfoɔ ho abufuo wɔ efie, ɔham wɔ adwuma ho, ne nhyε nsɔhwε a εba daa, a ebi nsii da. Na saa kyinhyia nneεma yi ahyε aseε sε εrebu Kristo sraani kumaa yi aba mu, ma ɔhyεε aseε mpo bisaa ne ho sε ɔfaa Kristo wɔ “ɔkwan pa so” anaa. Ɛnam sε na ɔrefa nneεma pii mu nti, ɔdwenee sε “εyε me sε merenante si taatae – mekɔ soro, na maba fam, mekɔ soro, na maba fam. Mentintimii yie seesei. Mennim, sε mereyε biribi a εnyε o. Akristofoɔ a menim wɔn bebree mfa nneεma merefa mu seesei yi mu.” Esiane nkyekyεmu a woasua no nti, εdeεn afotuo na wode bεma saa Okristoni foforɔ yi fa ne tebea no ne deε εwɔ sε ɔyε fa ho? 2. “Menhunu sεdeε anka mεtumi ayε no sε Nyankopɔn nkorɔfoɔ nni mu a! Wɔn na wɔayε nsakraeε no nyinaa.” Onuabarima kamakama bi a ɔwɔ Awurade mu baa Kristo nkyεn wɔ afiase, na wɔgyaee no akyire no, ntεm so na ɔde ne ho dɔmm asafo bi. Ɔne agyidifoɔ a wɔwɔ saa asafo no mu tenaa berε tenten sεdeε ɔbεtumi. Na ɔkɔ ɔsom ne adesua, na ɔne anuanom mmarima afoforɔ yεε nnamfoɔ ntεm so. Ɔtuu ne ho sii hɔ sε ɔbεyε asɔre no som adwuma ahodoɔ, na ɔgyee ɔsɔfo no afotuo wɔ nneεma a ɔhyiaa wɔ
Made with FlippingBook Ebook Creator