Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 9 Abodwokyεre a Yεkyerε • 121
ɔno ara abrabɔ mu. Saa agyidifoɔ kuo yi bεyεε ne fie mfeε bebree, te sε ne fie pεpεεpε, na ɔresusu sεdeε Nyankopɔ de ɔsɔfo no ne agyidifoɔ a wɔwɔ saa asafo no mu ayε adwuma wɔ n’abrabɔ mu no, ɔkaa sε, “Menhunu sεdeε anka mεtumi ayε no sε Nyankopɔn nkorɔfoɔ nni mu a! Wɔn na wɔayε nsakraeε no nyinaa. Wɔn mmoa, ɔdɔ, ne afotuo ne nnyinasoɔ a mede resom Awurade nnε.” Sεn na saa nhwεsoɔ yi boa yεn ma yεte agyidifoɔ afoforɔ dwumadie ase wɔ yεn gyidie mu mmɔdemmɔ mu? 3. “Berε bεn na nneεma bεhyε aseε asesa? Mabrε wɔ saa nsɔhwε yi ho akyεre yie. Onua, mereyε atwεn akyεre.” Ɛtɔ da bi a, Kristosom abrabɔ yε anika, berε a adesua ne nkonimdie afoforɔ reba mmaako mmaako, na εrema yεn ahodwiri, ahosεpε ne anigyeε. Ɛtɔ da bi nso a, mmom, εbεtumi ayε nyaa ne denneennen, a ɔhaw ne nsɔhwε ahyε ma na εkyεre yie, a wonhunu ɔgyeε biara. Agyidifoɔ aba mu bεtumi abu ntεm so wɔ ɔyea kεseε akyi, te sε woyare kyεre, hwere ɔdɔfoɔ bi, anaa brε wɔ ɔbra pa nkoguo ho. Adesua a εho hia pa ara ma Akristofoɔ nyini mu baako ne sε yεbεhunu sεdeε yεtwεn Nyankopɔn wɔ aperedie a εmu yε den mu . Yεhia Nyankopɔn adom a εde yεn bεfa nsɔhwε, a yεbεkɔ mu mu. Yei nti na Kristosom abrabɔ ahosohyε ho hia pa ara no. Ɛmfa ho ne atenka a yεnya anaa sεdeε nneεma rekɔ no, εhia sε yεmia yεn ani wɔ mpaebɔ mu, wɔ yεne Kristo akyidifoɔ som mu wɔ asafo mu, wɔ Nyankopɔn Asεm mu, εne yεne Awurade nanteε mu. Adεn nti na εhia sε yεmma nneεma a yεrefa mu no nnya tumi wɔ yεn nsɔhwε a yεnam mu so? Adεn nti na εyε hu sε yεma yεn tebea ho atenka ne nneyεε kwan ma εkyerε yεn sεdeε yεdi Kristo akyi, sε εyε ahosohyε mu, anaa yεne Akristofoɔ afoforɔ nanteε wɔ ɔsom mu. Nokorε mu, nnyinasosεm a εhia wɔ Kristo mu nyini mu pa ara ne sε yεresua sε yεmia yεn ani, sε yεyε krado, na amfu yεn mu. Ɛsε sε yεpere kɔ anim na yεtoa so kɔduru nkonim abotire no ho, εmfa ho ne sεdeε εbεyε den afa biara. Nanso εnyε yεn nko ara na yεyε. Yεwɔ aboadeε a εma yεn ahoɔden a yεde gyina nokorε mu ma yεn frε berε a yεmia yεn ani wɔ gyidie ko pa no mu. Nyankopɔn Honhom hyε yεn nkuran – ɔtena yεn mu daa, fa agyidifoɔ afoforɔ a wɔwɔ akyεdeε so hyε yε nkuran na ɔma yεn ahoɔden berε a εhia mu. Ogyidini a ɔrenyini biara fa amanehunu ne ɔbrε mu, nsɔhwε a εfiri yεn mu anaa abɔnten, nanso εsε sε wosua sε womia w’ani. Kari wo mpaebɔ mmerε, wɔ Asεm no mu, ne wo ho a wode hyε w’asɔre mu. Nneεma bεn na Honhom Kronkron no pε sε woyε sεdeε εbεtumi ahyε wo den wɔ w’ahoɔden a wode mia w’ani wɔ wo tebea mu? Yi nneεma baako anaa mmienu, fa hyε Awurade nsa, na hyε aseε εnnε, wɔ Awurade tumi mu, sε woregyina wo nsɔhwε mu. Kae sε, wonyε ankonam anaa wɔmpoo wo; asuafoɔ nyinaa resua sε wɔbεgyina (2 Tim. 3.12), na Awurade rennyae anaa ɔmpo wo (Nw. 27.1-3). ƐnamAwurade ne n’ahoɔden so, wobεtumi agyina wo nsɔhwε mu, na woahyε Kristo animuonyam wɔ nneεma nyinaa mu.
Abusuabɔ
Made with FlippingBook Ebook Creator