Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

122 • Ko Gyidie Ko Pa no

Anibereε ne adwenemu haw bebree yε anigyeε asetena a aboa ano mfeε pii ho nsunsuansoɔ. Ɛnyε akɔwensafoɔ anaa agyanterafoɔ na mereka, na mmom Akristofoɔ a wɔbu wɔn a ebia, εbεyε ahodwiri sε wɔbεdwene sε wɔde wɔn nsa bεka nsaden anaa de wɔn ho bεhyε ahohwibra pɔtɔɔ mu. Nanso wɔwɔ subammɔne a ahosohyε nni mu, na wɔda nipadua mu mmerεyε no adi wɔ nsɔhwε ne ahohia da no mu. Daa nkwa nhyehyεeε sε yεredwane afiri akwansideε ho, sε yεrekwati nnipa a yεntumi ne wɔn nhyia, sε yεrehwehwε ɔkwan a εyε mmrε, sε yεregyae berε a nneεma mu yε den no, yi ne ti awieeε no wɔ dεmdie dadwene a nteaseε nni mu na wɔntumi nyε ho hwee. Wɔbεtumi akenkan nwoma ahodoɔ pii, wɔbεkɔ adɔkotafoɔ ne nsεnkafoɔ bebree nkyεn abisa, wɔbεbɔ mpaeε dodoɔ a εnni ano, na wɔayε nyamesom bɔhyε ahodoɔ, nnuro, afotuo, ayaresa a ne boɔ yε den, εne honhom mu hweε bεbu ɔyarefoɔ no so; nanso emu biara ntumi nna ne farebae ankasa: ahosohyε a εnni hɔ, adi. Na ayaresa a εwɔ hɔ ankasa nko ara ne sε ɔbεyε onipa a ɔhyε ne ho so. ~ Richard Shelly Taylor. Ahosohyε Abrabɔ: Adesua a εwɔ Kristosom Suaniyε a Ɛyε Fε. Kansas City, MO: Beacon Hill Press, 1962, pp. i-ii.

Ɛmfa ho ne sɔretia a mehyia no, wɔama me tumi wɔ Honhom Kronkron no mu sεdeε mεyε krado mmerε nyinaa, agyina akɔduru awieeε na maboa agyidifoɔ afoforɔ ma wɔayε saa ara.

Adansedie

Na John Wesley (1703-1791) ka mma 19 a Samuel ne Susanna Wesley (a na ɔno ara yε gyidie nkonimdifoɔ nwanwasoɔ) woo wɔn ho. Berε a na ɔyε aberanteε wɔ kɔlegyi no, ɔne n’ayɔnkofoɔ tee ekuo a wɔde hyε wɔn ho wɔn ho nkuran sεdeε wɔbεbɔ abrabɔ kronkron, na afoforɔ hyεε aseε frεε wɔn “Mεtɔdistfoɔ” εnam wɔn ahwεyie akwan nti. Sε ɔsεnkafoɔ ne ɔhyehyεfoɔ a ɔmmrε, a na n’ani si teman-mufoɔ a wɔwɔ Engiresi asase so no, abakɔsεmkafoɔ de anidie ma no sε ɔgyee ɔman no firii mogyahwieguo atuateε bi mu. Ne nkεntεnsoɔ trεtrε traa ne wuo, berε a Mεtɔdist nsεnkafoɔ bebree de asεmpa no di akɔneaba wɔ Amerika hyeε so.

Mpaebɔ

Made with FlippingBook Ebook Creator