Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 9 Abodwokyεre a Yεkyerε • 123

Wesley Apam Mpaebɔ Menyε me ara me deε bio, na mmom wo deε. Fa me yε deε wopε, fa me toto nea wopε ho. Ma menyε, ma menhunu amane. Ma menyε adwuma mma wo anaa nwɔ hɔ mma wo, wɔmpagya me mma wo anaa mfa me mmra fam mma wo. Ma me nhyε ma, ma me nna mpan. Ma mennya nneεma nyinaa, mma mennnya hwee. Mefiri akoma fann mu de me ho ma nneεma a εsɔ w’ani na εwɔ hɔ ma wo nyinaa. Na afei, O animuonyam ne nhyira Nyankopɔn, Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron, woyε me deε, na meyε wo deε. Ɛnyε saa. Na apam a mayε wɔ asase so no, ma εnsi pi wɔ ɔsoro. Amen. ~ sεdeε wɔde dii dwuma wɔ Diberε Nwoma mu wɔ Engiresi Mεtɔdist Asɔre mu, 1936. Onniawieeε Nyankopɔn, m’Awurade Yesu Kristo Agya, mewɔ gyidie wɔ wo mu sε me Nyankopɔn ne m’Agyenkwa. Woama me abrabɔ a εnni awieeε wɔ ne din mu, na wopε sε afei mebɔ Kristosom bra sεdeε ɔyεeε no, yε nokwafoɔ na medi nokorε ma wo, ma w’Asεmpa ne wo mmaransεm. Ma me adom ne mmoa a wo Honhom Kronkron nko ara na εtumi de ma no, na εnam w’Asεm so, εnam mpaebɔ so, εnam asuafoɔ afoforɔ fekubɔ wɔ ɔsom ne Awurade Adidie so, εne wo ho bata so, mεtumi atena abrabɔ a wode ama me mu yie. Boa me sεdeε mempa aba da, na berε biara mεbɔ mpaeε na mede me ho ato w’ahoɔden so, na mede m’akoma nyinaa adi wo pε akyi, sεdeε wɔbεhyε wo animuonyam, na w’Ahemman aba baabi a meteε na meyε adwuma. Medɔ wo, Agya. Boa me na memmia m’ani. Wɔ Yesu din mu na mebɔ mpaeε, amen. Yεwɔ ɔfa a yεayi asi hɔ ama atwerε ne mfoniyε afidie nkekaho aboadeε wɔ www.tumi.org/sacredroots . Don L. Davis. Adansedie a Ɛyε Anigyeε . Wichita, KS: The Urban Ministry Institute, 2012. (Saa aboadeε yi wɔ www.tumistore.org .)

Akoma mu Sufrε kyerε Awurade

Ma Adesua Bebree

1 Timoteo 6.12

Twerεsεm Nkaekaeε

Made with FlippingBook Ebook Creator