Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

124 • Ko Gyidie Ko Pa no

1. Yε ɔbrε, nsɔhwε, ne ɔhaw a wonam mu seesei ara nyinaa mmoano, na fa emu biara hyε Nyankopɔn nsa. Bisa nyansa firi Awurade hɔ wɔ sεdeε wobεbua emu biara, na hwehwε afotuo firi wo sɔfo anaa akyerεkyerεfoɔ a wɔawie nyini fa sεdeε wobεtumi ahyε Nyankopɔn animuomnyam ankasa wɔ ɔkwan pɔtee bi so, wɔ tebea biara mu. 2. Ɔkwan baako a wobεtumi afa so anyini wɔ wo tumi a wode bεko gyidie ko pa no ne sε wobεyε ankonam. Ɛsε sε yεsua sεdeε yεtie Nyankopɔn wɔ kommyε mu. Fa simma num yε komm na twεn Awurade. Nkenkan anaa nkasa, tie kεkε. 3. Srε ɔyɔnkoɔ Kristoni bi na ɔnka wo ho wɔ saa dwumadie yi mu: wɔ nna nsia a εdi anim no biara mu, bɔ mmɔden sε wobεtwe wo kommyε berε no mu sεdeε nnawɔtwe akyiri no wobεtumi agyina dɔnhwere baako kommyε mu.

Dwumadie

Made with FlippingBook Ebook Creator