Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Mmataho 127
Mmataho 1 Berε Bi a Atwam Wiase Yεkyerε a εnam Nyamesεm Nkyerεkyerεmu so wɔ Wiase Rev. Dr. Don L. Davis Ɛfiri Daapem kɔsi daapem, yεn Awurade yε Nyankopɔn. Ɛfiri daapem, wɔ saa asetena mu ahintasεm a biribiara ne no nsε a εwɔ hɔ firi tete mu, yεn Nyankopɔn Baasakoro tenaa kεseyε a εwie pεyε mu wɔ daa nnipakuo mu sε Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron, MENE no, a εrekyerε ne su a εwie pεyε wɔ daa abusuabɔ mu, a εnhia hwee, εwɔ kronkronyε a εnni ano, anigyeε, ne ahoɔfε mu. Sεdeε ne tumi pε kyerε no, yεn Nyankopɔn firi ɔdɔ mu hyehyεε sε ɔbεbɔ wiase bi a ne kεseyε bεda adi wɔ mu, wiase a wɔbεkyerε n’animuonyam ne baabi a nnipa bi a wɔayε wɔn wɔ n’ankasa nsεsoɔ so bεtena, ne no anya ayɔnkofa na wɔanya anigyeε wɔ wɔne no nkabom wɔ abusuabɔ mu, ma n’animuonyam. Deε, ɔyε Nyankopɔn Pumpuni no, bɔɔ wiase bi a awieeε no εtee atua tiaa n’ahennie. Akɔnnɔ bɔne, anibereε ne ahomasoɔ kanyann nnipa nta a wɔdi kan no maa wɔtee atua wɔ Nyankopɔn pε so, εnam ɔbɔfoɔ titire no, Satan nnaadaa so, deε n’atirimuɔden nhyehyεeε sε ɔbεsi Nyankopɔn anan mu sε nneεma nyinaa sodifoɔ maa soro abɔfoɔ bebrebee sii Nyankopɔn pε kronkron kwan wɔ ɔsorosoro hɔ no. ƐnamAdam ne Hawa asoɔden so, wɔmaa wɔne wɔn adedifoɔ ho daa hɔ maa amanehunu ne owuo, na wɔnam wɔn atuateε so de adebɔ kɔɔ basabasayε, amanehunu ne bɔne mu. Ɛnam bɔne ne atuateε nti, nkabom a na εwɔ Nyankopɔn ne adebɔ ntam yeraeε, na seesei nneεma nyinaa hyε asehweε kεseε yi nsunsuansoɔ ase–ankonamyε, ntetemu, ne afɔbuo bεyε adehia ma nneεma nyinaa. Ɔsoro bɔfoɔ, onipa anaa abɔdeε biara nni hɔ a ɔbεtumi anya saa ɔhaw yi ho mmuaeε, na sε Nyankopɔn ankasa amma mu a, amansan nyinaa, wiase, ne abɔdeε a εwɔ mu nyinaa bεyera. Nanso, wɔ mmɔborɔhunu ne ɔdɔ mapa so, Awurade Nyankopɔn hyεε bɔ sε ɔbεsoma Agenkwa bi abεgye n’abɔdeε. Wɔ tumi apam dɔ mu, Nyankopɔn bɔɔ ne tirim pɔ sε ɔbεtene amansan atuateε ho nsunsuansoɔ no berε a ɔresoma Nkonimdifoɔ bi, ne Ba koro, a ɔbεfa nta a wɔahwe ase no tebea, agye atom na watu wɔne Nyankopɔn ntetemu afiri hɔ, na wagyina adasamma nyinaa anan mu ahunu amane ama ne bɔne ne asoɔden. Enti, εnam n’apam nokorεdie so, Nyankopɔn ankasa bεkaa nnipa abakɔsεm ho esiane wɔn nkwagyeε nti. Awurade Nyankopɔn ba fam de ne ho hyε n’abɔdeε mu sεdeε ɔbεsan de aba, ayi bɔne afiri hɔ korakora, na ɔde nkorɔfoɔ bi asi hɔ a wɔn mu na Nkonimdifoɔ no bεfiri aba abεsi n’ahennie bio wɔ wiase yi mu. Enti, ɔpagyaa nnipa bi a wɔn mu na Amrado no bεfiri aba. Enti, εnam Noa so, ɔgye wiase firi εno ara bɔne mu, εnam Abraham so, ɔyi abusua a aseni no bεfiri mu aba. Ɛnam Isak so, ɔtoa bɔhyε a ɔde maa Abraham
Made with FlippingBook Ebook Creator