Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

128 • Ko Gyidie Ko Pa no

so, εna εnam Yakob (Israel) so ɔde ne man si hɔ, a ɔkyerε abusua a ɔbεfiri mu aba (Yuda). Ɛnam Mose so, ɔgye ne deε firi nhyεsotrasoɔ mu na ɔma wɔn n’apam mmara, na εnam Yosua so, ɔde ne nkorɔfoɔ ba bɔhyε asase so. Ɛnam atemmuafoɔ ne akannifoɔ so ɔhwε ne nkorɔfoɔ so, na εnam Dawid so, ɔyε apam sε ɔde Ɔhene bi bεfiri n’abusua mu aba a ɔbεdi hene afebɔɔ. Ne bɔhyε no ho mpo, ne nkorɔfoɔ tɔ sini daa. Wɔn asobrεakyeε ne Awurade a wɔpo no daa de wɔn kɔ ɔman no atemmuo, nhyεnemu, nka guo, ne nnɔmmumfa mu wɔ awieeε no. Wɔ mmɔborɔhunu mu, ɔkae n’apam na ɔma kwan ma nkaeε bi sane ba – εfiri sε wɔanwie bɔhyε ne ayεsεm no. Deε, ɔyε Nkonimdifoɔ no, firii ɔsoro baa fam, wɔ berε mahyε mu, na ɔnam Asεnnua no so dii nkonim. Mfeε ahanan kommyε siiε. Nanso, wɔ berε mahyε mu no, Nyankopɔn dii ne bɔhyε so berε a ɔnam sε-nipa so wuraa bɔne, amanehunu, ne mate me ho ahemman yi mu. Wɔ onipa a ɔyε Nasaretni Yesu mu no, Nyankopɔ firii ɔsoro bεtenaa yεn ntam, a ɔrekyerε Agya no animuonyam, rehyε Nyankopɔn ɔbrapa mmara ahwehwεdeε ma, na ɔkyerε Nyankopɔn Ahemman no tumi wɔ ne nsεm, nnwuma, ne ahonhommɔne tuo mu. Ɔfaa yεn atuateε, sεee owuo, dii ɔbonsam so nkonim wɔ Asεnnua no so, na ɔsɔree ne nnansa soɔ de abɔdeε sane baa bio firii Asehweε no mu, sεdeε ɔde bɔne, yareε, ne ɔko awieeε baeε, na ɔde nkwa a εnni-awieeε ama nnipa a wɔyε ne nkwagyeε atuu nyinaa. Na, εrenkyεre koraa, ɔbεsan aba wiase yi mu bio na wayε nneεma nyinaa foforɔ. Ɔforo kɔɔ Agya no nsa nifa so no, Awurade Yesu Kristo asoma Honhom Kronkron no aba wiase, a ɔreyε nnipa afoforɔ a wɔyε Yuda ne Amanamanmufoɔ nyinaa, Asɔre no. Wɔ ne tumi ahyεdeε so, wɔdi nkabom asεmpa no ho adanseε wɔ asεnka ne nneyεε mu kyerε abɔdeε nyinaa, na berε a wɔawie wɔn adwuma no, ɔbεasne aba animuonyam mu abεwie n’adwuma ama adebɔ ne abɔdeε nyinaa. Ɛrenkyεre pii, ɔbεka bɔne, abɔnefosεm, ne owuo, ne Nnome no so nsunsuansoɔ agu afebɔɔ, na ɔde adebɔ nyinaa asane aba wɔ ne nokorε ahennie ase, ayε nneεma nyinaa foforɔ wɔ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ bi, baabi a nnipa nyinaa ne adebɔ nyinaa ani bεgye Nyankopɔn baasakoro no asomdwoeε no ho afebɔɔ, ama n’animuonyam ne anidie nko ara. Na wɔn a wɔagye wɔn no bεtena anigyeε mu afebɔɔ . . . Awieeε

Made with FlippingBook Ebook Creator