Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Mmataho 129
Mmataho 2 Ayεsεm a Nyankopɔn Reka Ɔsɔfo Don Allsman
Atifisεm Ti
Atifisεm Nuabɔ
Asεntitire Nkyekyεmu
Mfitiaseε no, na Asεm no wɔ hɔ, na Asεm no ne Nyankopɔn na εwɔ hɔ, na Asεm no yε Nyankopɔn. Ɔno na mfitiaseε no na ɔne Nyankopɔn wɔ hɔ. Ɛnam ne so na wɔyεε nneεma nyinaa, na wɔankwati no anyε biribiara (Yohane 1.1-3). Yei nti, sεdeε εnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeε no, saa na εyεeε na owuo trε kaa nnipa nyinaa εfiri sε wɔn nyinaa yεε bɔne (Rom. 5.12). Wɔyε Israelfoɔ, na wɔn na abayεn, animuonyam, apam, mmara a wɔde ma, ɔsom, ne bɔhyε no yε wɔn dea. Wɔn na agyanom mpanimfoɔ no yε wɔn dea, na wɔn asefoɔ, wɔ honam mu, na Kristo a ɔyε Nyankopɔn wɔ biribiara so no, wɔahyira no afebɔɔ. Amen (Rom. 9.4-5). Sεdeε afei wɔbεtumi afa asɔre no so ama asodifoɔ ne atumfoɔ a wɔwɔ soro hɔnom ahunu Nyankopɔn nyansa bebree no. Na yei gyina εnniawieeε tirimbɔ a wahunu wɔ Kristo Yesu yεn Awurade mu so (Efe. 3.10-11). Afei na awieeε no di hɔ, berε a ɔde Ahemman no hyε Nyankopɔn Agya nsa berε a wasεe mmara ne tumidie ne tumi biara awie. Na εtwa sε ɔdi hene kɔsi sε ɔde n’atamfo nyinaa bεhyε ne nan ase. Ɔtamfo a ɔtwa toɔ a wɔbεsεe no ne owuo (1 Kor. 15.24-26). Deε enti a Nyankopɔn Ba no baeε ne sε ɔbεsεe ɔbonsam nnwuma (1 Yohane 3.8b).
Nyankopɔn te ase wɔ Ayɔnkofa a Ɛwie pεyε mu ansa na adebɔ reba. Ɔbonsam ne n’akyidifoɔ te atua na wɔde bɔne ba. Nyankopɔ bɔ onipa wɔ ne nsεsoɔ so, na ɔkɔka Satan ho wɔ atuateε mu Nyankopɔn pere sε ɔbεyi nnipa bi asi hɔ ama ne ho, a wɔn mu na Ɔhene bi bεfiri abεgye adasamma, a Amanamanmufoɔ ka ho. Wɔma n’akodie nhyehyεeε nnyinasoɔ ho nsεnkyerεnneε berε a εrekɔ so. Agyenkwa no da ne nhyehyεeε adi fa nnipa bi a wɔayi wɔn sε wɔbεkɔ so afa wɔn adeε afiri ɔtamfo no hɔ berε a wɔnya anigyeε wɔ Ahemman a εbεba no ho mfonin mu. Agyenkwa no sane ba bεsεe ɔtamfo no, ware n’ayeforɔ, na ɔsane fa ne dibea a ɔsε wɔ ahennwa no so. Agyenkwa no ba bεsεe ne ɔtamfo no.
Abantuguo a Anka Wɔreyε (Tete Akyirikyiri) Gyenesis 1.1a Atuateε (Adebɔ ne Ahweaseε no) Gyenesis 1.1b – 3.13 Resiesie ama Nhyεnemu (Agyanom Mpanimfoɔ, Ahemfo, ne Nkɔmhyεfoɔ) Gyenesis 3.14– Malaki Nkonimdie ne Ɔgyeε (Nipasu, Nsɔhwε, Anwanwadeε, Owusɔreε) Mateo – Asomafoɔ 1.11 Asraakuo no Kɔ nkan (Asɔre no) Asomafoɔ 1.12 – Adiyisεm 3
Ɔko a Ɛdi awieeε (Mmaeε a εtɔ so Mmienu) Adiyisεm 4-22
Wiase ahennie abεyε yεn Awurade ne ne Kristo ahennie. Na ɔbεdi hene daa daa (Adi. 11.15b)
Ɔko a εda Ahemman no ntam Asεntitire a εwɔ Twerε Kronkron amannebɔ mu yε akodie.
Ɛyε wiase a nneεma a εyε hu na εyε nwanwa nso sisi. Ɛyε wiase a wɔma papa ko tia bɔne, ɔdɔ ko tia ɔtan, nhyehyεeε ko tia basabasayε wɔ aperedie kεseε mu, berε a εtaa yε den sε wobεhunu ɔfa a obi gyina εfiri sε deε yεhunu bεtumi ayε nnaadaa. Nanso, n’anisotan ne kekakeka nyinaa akyi no, εyε wiase a akodie no awieeε kɔ ma papa, a ɔtena anigyeε mu daa, ne baabi a awieeε no obiara, papa ne bɔne nyinaa, wɔde ne din ankasa bεhunu no. -Frederick Buechner. Reka Nokorε no.
Made with FlippingBook Ebook Creator