Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

130 • Ko Gyidie Ko Pa no

Mmataho 3 Sεdeε Wɔhyε Aseε Kenkan Twerε Kronkron Ɔsɔfo Don Allsman ne Ɔsɔfo Dr. Don L. Davis

1. Kenkan ankorankoro nkrasεm, ntwerεeε, ne mpo nwoma a εfa nnyinasoɔ a εwɔ Twerε Kronkron Ayεsεm no nyinaa ho. Sεn na εne Nyankopɔn gyeε nhyehyεeε a εbεgye deε εyeraeε wɔ Ahweaseε no mu nyinaa no kɔ? 2. Hwε tebea no. Fa wo ho hyε nhyehyεeε no mu, na hwε nneεma a atwa ho ahyia, deε aniwa hunu ne hwa (pampan) no. Susu sεdeε εbεsi ayε ho. 3. Tie ahyεdeε, kɔkɔbɔ, akwankyerε, ne nkuranhyε a εsiesie sεdeε wotena na wodwene na woatumi ahwehwε n’Ahennie kane. Akwan a Wɔfa so Kenkan Twerε Kronkron Twerε Kronkron Kenkan Nhyehyεeε #1: Ɛfiri Gyenesis kɔsi Adiyisεm 1. Hyε aseε kenkan firi Yohane nwoma. Yei bεma wo ate Yesu abrabɔ ase na aboa ma woanya nnyinasoɔ bi berε a wokenkan Twerε Kronkron nkaeε no. 2. San kɔ Gyenesis 1 na kenkan Twerε Kronkron no tee. 3. Mma emu nkyerεkyerεmu mma wo nka, mmom kenkan Twerε Kronkron no sεdeε w’ani bεgye εbo a εsom ne n’ahodoɔ ho. Twerε nsεmmisa a wowɔ fa nsεmfua a wonte aseε anaa nneεma a εkyere adwene ho sεdeε wobεtumi abisa obi anaa ahwehwε mu akyire yi. Twerε Kronkron Kenkan Nhyehyεeε #2: Akenkan Akwankyerε Nnidisoɔ (www.tumistore.org) Wo nso bεtumi akenkan Twerε Kronkron no afe biara, worekenkan nwoma ahodoɔ no wɔ nnidisoɔ a Kristosom nwomanimfoɔ gye di sε wɔde twerεeε. Agyidifoɔ bebree kenkan Twerεnsεm no bom afe biara “nnidisoɔ-nnidisoɔ” (nkakra nkakra), hwehwε sε wɔbεnya nteaseε kεseε wɔ Nyankopɔn Ayεsεm no nyinaa mu sεdeε nsεm no sisii nnidisoɔ wɔ abakɔsεm mu . Woεtumi anya saa nkyerεkyerεmu yi ho akwankyerε afiri www.tumistore.org. Twerεsεm nwoma mmoano a εnyε den yi bεma wo akenkan Twerε Kronkron Ayεsεm no nnidisoɔ sεdeε nsεm no sisiiε. Yei bεma wo ate nka sε Twerε Kronkron no nyinaa yε yεkyerε baako a εreda adi, na εnyε nwoma baako baako a εnni twaka biara. Ɛsan nso boa yεn a yεkenkan Twerε Kronkron no afe biara no ma yεn ani kɔ so fa Twerεnsεm no nokwasεm ne asεntitire ho: Nyankopɔn nkwagyeε a εwɔ Nasaretni Yesu, Kristo no mu.

Made with FlippingBook Ebook Creator