Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Mmataho 137
Mmataho 9 Yεn Ahotosoɔ Pae mu ka: Fahodie wɔ Kristo mu Ɔsɔfo Dr. Don L. Davis
Ɛho hia sε yεkyerεkyerε Kristosom abrabɔ pa wɔ fahodie nkonim a Kristo di maa yεn wɔn Asεnnua no so, εne sεdeε Honhom Kronkron no wura Asɔre no abrabɔ ne botaeε mu (a εne, Galatiafoɔ 5.1, “Ɛyε ahofadie mu na Kristo ama yεade yεn ho”), na berε biara ne nnyinasoɔ ne sε mode mo fahodie no redi dwuma de animuonyam abrε Nyankopɔn na moama Kristo Ahemman akɔ nkan. Megye di sε yεbεtumi asiesie afoforɔ ma wɔatena ase ama Krsito, de aka nsεm a εyε den fa fahodie ho wɔ Nkrataa no mu, berε a yεsi abrabɔ pa nnyinasoɔ a εwɔ 1 Korintofoɔ so dua, na wɔde di dwuma wɔ suban pa mu. 1. 1 Kor. 6.9-11 – Kristosom fa nsakyeraeε ho; anoyie dodoɔ biara nni hɔ a εbεma onipa akɔ Ahemman no mu. 2. 1 Kor. 6.12a - Yεwɔ fahodie wɔ Kristo mu, nanso εnyε biribiara a onipa yε na εhyε nkuran anaa εboa. 3. 1 Kor. 6.12b - Yεwɔ fahodie wɔ Kristo mu, nanso adeε biara a εka hɔ na εyε nhyεsoɔ wɔ wo so no tia Kristo ne n’Ahemman. 4. 1 Kor. 8.7-13 - Yεwɔ fahodie wɔ Kristo mu, nanso εnni sε yεde yεn fahodie no hoahoa yεn ho, εnkanka wɔ Akristofoɔ a sε wɔhunu sε yεreyε adeε bi a wɔbu no sε εyε bɔne a, εbεsεe wɔn adwene na wɔahwe ase anim. 5. 1 Kor. 10.23 - Yεwɔ fahodie wɔ Kristo mu; mmara ma yεn nneεma nyinaa ho kwan, nanso εnyε biribiara na εboa, anaa brirbiara a onipa yε na εhyε no den. 6. 1 Kor. 10.24 - Yεwɔ fahodie wɔ Kristo mu, enti εwɔ sε yεde yεn fahodie no dɔ yεn nuanom mmarima ne mmaa wɔ Kristo mu, na yεtete wɔn ma afoforɔ yiedie (fa toto Gal. 5.13 ho) 7. 1 Kor. 10.31 - Yεwɔ fahodie wɔ Kristo mu, na wɔama yεn saa fahodie no sεdeε yεbεhyε Nyankopɔn animuonyam wɔ deε yεyε nyinaa mu, sε εyε adidie, ɔnom anaa adeε biara a yεyε. 8. 1 Kor. 10.32-33 - Yεwɔ fahodie wɔ Kristo mu, na εwɔ sε yεde yεn fahodie no di dwuma sεdeε yεbεyε deε yεbεtumi a yεrenfom nnipa wɔ wiase anaa Asɔre no mu, na mmom yεyε deε εbεma wɔahunu Kristo na wɔadɔ no, a εne, sε wɔbεtumi agye wɔn nkwa.
Made with FlippingBook Ebook Creator