Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
138 • Ko Gyidie Ko Pa no
Megye di sε, εwɔ sε yεsi nnyinasonsεm a εdidi soɔ yi so ka saa nnyinansεm yi ho: • 1 Pet. 2.16 - Ɛwɔ sε yεtena fahodie mu wɔ Kristo mu sε Nyankopɔn asomfoɔ, na mmom mma yεnhwehwε sε yεde yεn fahodie no bεyε bɔne wɔ sum ase. • Yohane 8.31-32 - Yεyi yεn ho kyerε sε Kristo asuafoɔ berε a yεkɔ so di n’Asεm so, na sε yεyε saa a, yεbεhunu nokorε no, na nokorε no ma yεde yεn ho wɔ ne mu. • Gal. 5.13 – Yεyε anuanom mmarima ne mmaa wɔ Kristo mu yi, wɔafrε yεn sε yεnne yεn ho, nanso εnyε sε yεfa yεn fahodie no sε akwanya de yε yεn bɔne; mmom, wɔafrε yεn sε yεnnya yεn fahodie sεdeε yεbεsom yεn ho yεn ho wɔ ɔdɔ mu. M’adwene yε me sε, saa fahodie a yεtwe adwene kɔ so yi de nneεma a yεka kyerε mpanimfoɔ ne mmerantewaa nyinaa si nnyinasoɔ bi so. Mpεn pii no, εkwan a yεfa so yε Akristofoɔ afoforɔ bebree asuafoɔ nam bɔne ne subammɔne ahodoɔ nkyekyεmu (mmoano) kyenkyεnn so, a εduru mmerε bi a, yei bεtumi ama wɔanya adwene sε Kristosom yε mεnyε som (εsom a εmma wɔnyε nneεma), εne/anaa gyidie a deε εhia wom kεseε ne sε wɔnyε bɔne. Nokorεmu, abrabɔ pa botaeε a εwɔ Kristosom mu ne fahodie, fahodie a wɔnyaa no aboɔden, fahodie sε yεbεdɔ Nyankopɔn na yεama n’Ahemman akɔ nkan, fahodie sε yεbεbɔ ahofama bra wɔ Awurade anim. Kurom Akristofoɔ abrabɔ pa asεdeε ne sε wɔbεtena fahodie mu wɔ Yesu Kristo mu, sε wɔbεtena fahodie mu ama Nyankopɔn animuonyam, na εnyε sε wɔde wɔn fahodie firi mmara no ase yε bɔne. Nkyerεkyerε no botaeε ne sε εbεtwe adwene asi fahodie a wɔnam Kristo wuo ne wusɔreε so nya maa yεn, εne yεne no nkabom so. Seesei wɔama yεn fahodie afiri mmara no ase, bɔne nnyinasoɔ ne owuo, yεn ara bɔne ho afɔbuo ne mmaratoɔ, εne mmara no afɔbuo wɔ yεn so. Afei yεfiri anisɔ ne aseda mu som Nyankopɔn, na abrabɔ pa atenka ne sε yεtena fahodie mu wɔ Kristo mu. Nanso, yεmfa yεn fahodie no nyε anitefoɔ anaa agyimifoɔ, na mmom sε yεbεhyε Nyankopɔn animuonyam na yεadɔ afoforɔ. Yei ne nnyinasoɔ a εkasa fa nsεm a εyε den te sε mmarima anaa mmaa a wɔne wɔn ho da, nyinsεn yiguo, ne bɔne afoforɔ. Wɔn a wɔde wɔn ho hyε saa nneyεε a εte saa mu hyε da yε sε deε wɔwɔ fahodie, nanso wɔnni Nyankopɔn ho nimdeε wɔ Kristo mu, wɔdi wɔn ankasa mu nsusuiε akyi kεkε, a εmfiri Nyankopɔn abrabɔ pa pε anaa ne dɔ mu. Fahodie wɔ Kristo mu yε ɔfrε sε wɔtena kronkronyε ne anigyeε mu sε kurom asuafoɔ. Saa fahodie yi bεma wɔn ahunu sεdeε wɔbεtumi de wɔn adwene ayε biribi sε Akristofoɔ wɔ deε wɔfa no sε “fahodie” abrabɔ a εde wɔn kɔn nkoasom, animguaseε ne ahonu mu nko ara no.
Made with FlippingBook Ebook Creator