Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Mmataho 145

6. Wᴐde ogyidini abᴐ Kristo mu ahoᴐden so ama akᴐkora no atemmuo “akᴐ anammᴐntuo foforᴐ mu” - Rom. 6.1-10. Wᴐama ᴐne Kristo abεnya nkabom. 7. Ogyidini anya “ fahodie afiri mmara no ase ” - Rom. 7.2-6. Ↄnni n’afᴐbuo mu bio, na wᴐagye no afiri ne tumi ase. 8. Wᴐayε ogyidini Nyankopᴐn ba - Gal. 3.26. Wᴐnam Honhom Kronkron awofoforᴐ tumi so awo no foforᴐ akᴐ abusuabᴐ a Nyankopᴐn a ᴐdi Nnipa mu Kan bεyε Agya kann, na nea wagye no bεyε ᴐba kann a ᴐwᴐ ho kwan ne abodin biara – Nyankopᴐn adedini na ᴐne Yesu Kristo bom di adeε. 9. Wᴐagye ogyidini sε obi a ᴐbu ne ho fᴐ akᴐ Agya no abusua mu - Rom. 8.15, 23 10. Wᴐnam Yesu Kristo so ama ogyidini asᴐ Nyankopᴐn ani - Efe. 1.6. Wᴐayε no tenenee (Rom. 3.22), ate ne ho (ayi no asi hᴐ) diberε mu (1 Kor. 1.30, 6.11); ama no awie pεyε afebᴐᴐ wᴐ berε ne diberε mu (Heb. 10.14), na wᴐama no asᴐ ani wᴐ Ↄdᴐfoᴐ no mu (Kol. 1.12). 11. Wᴐama ogyidini afata – Rom. 5.1. Wᴐnam Nyankopᴐn tumi so ayε no teneneeni. 12. Wᴐma ogyidini “tene” - Efe. 2.13. Wᴐyε abusuabᴐ a εbεn na εwᴐ Nyankopᴐn ne ogyidini ntam. 13. Wᴐagye ogyidini afiri esum tumi ase - Kol. 1.13; 2.13. Wᴐagye Okristoni afiri Satan ne n’ahonhommᴐne nsam. Nanso εsε osuani kᴐso ko tia saa tumi yi. 14. Wᴐasakyera ogyidini akᴐ Nyankopᴐn Ahemman mu - Kol. 1.13. Wᴐde Okristoni afiri Satan ahemman mu akᴐ Kristo Ahemman mu. 15. Wᴐde ogyidini asi Ↄbotan, Yesu Kristo so – 1 Kor. 3.9-15. Kristo ne ogyidini fapem a ᴐhyehyε ne Kristosom abrabᴐ wᴐ so. 16. Ogyidini yε Nyankopᴐn akyεdeε ma Yesu Kristo - Yohane 17.6, 11, 12, 20. Ↄyε Agya no dᴐ akyεdeε ma Yesu Kristo. 17. Wᴐagye ogyidini wᴐ Kristo mu – Kol. 2.11. Wᴐagye no afiri bᴐne su dada no tumi ase. 18. Wᴐama ogyidini anya Ahene Asᴐfokuo Kronkro no mu kyεfa - 1 Pet. 2.5,9. Ↄyε sᴐfo εfiri sε ᴐne Kristo, Sᴐfo Panin no, wᴐ abusuabᴐ, na ᴐne Kristo bεdi hene wᴐ asase so.

Made with FlippingBook Ebook Creator