Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

146 • Ko Gyidie Ko Pa no

19. Ogyidini ka abusua a wᴐayi wᴐn, ᴐman kronkron ne nnipa titire bi ho - 1 Pet. 2.9. Yei ne agyidifoᴐ kuo wᴐ saa berε yi mu. 20. Ogyidini yε ᴐsoro man-ba - Filipifoᴐ 3.20. Yei nti wᴐfrε no ᴐhᴐhoᴐ sεdeε n’asase so abrabᴐ teε (1 Pet. 2.13), na ᴐbεdi dε wᴐ ne fie ankasa wᴐ ᴐsoro afebᴐᴐ. 21. Ogyidini wᴐ Nyankopᴐn abusua ne efie mu - Efe. 2.1, 9. Ↄka Nyankopᴐn “abusua” a εyε nokorε agyidifoᴐ nko ara no ho. 22. Oggyidini wᴐ ahotefoᴐ kuo mu - Yohane 117.11, 21-23. Ↄbεtumi aka agyidifoᴐ kuo no ho. 23. Ogyidini wᴐ ᴐsoro fekuo bi mu - Kol. 1.27; 3.1; 2 Kor. 6.1; Kol. 1.24; Yohane 14.12-14; Efe. 5.25-27; Tito 2.13. Ↄne Kristo yε ahokafoᴐ seesei wᴐ abrabᴐ, diberε, ᴐᴐsom, amanehunu, mpaebᴐ, ti adeε sε ayeforᴐ ma Kristo, εne Kristo mmaeε bio no kwanhwε. 24. Ogyidini wᴐ Nyankopn ho kwan - Efe. 2.18. Ↄwᴐ kwan wᴐ Nyankopᴐn adom a ma no nyini honhom mu ho, na biribiara nsi no kwan wᴐ Agya no ho (Heb. 4.16) 25. Ogyidini wᴐ Nyankopᴐn hwε a “εdᴐᴐso bebree” no mu - Rom. 5.8 10. Ↄyε Nyankopᴐn dᴐ (Yohane 3.16), Nyankopᴐn adom (Efe. 2.7 9), Nyankopᴐn tumi (Efe. 1.19), Nyankopᴐn nokwaredie (Fili. 1.6), Nyankopᴐn asomdwoeε (Rom. 5.1), Nyankopᴐn awerεkyekyerε (2 Tesa. 2.16-17) εne Nyankopᴐn odima (Rom. 8.26) gyefoᴐ. 26. Ogyidini yε Nyankopᴐn agyapadeε - Efe. 1.18. Wᴐde no ama Kristo sε akyεdeε a εfiri Agya no. 27. Oggyidini wᴐ Nyankopᴐn n’ankasa agyapadeε ne deε Nyankopᴐn de ma nyinaa - 1 Pet. 1.4. 28. Ogyidini wᴐ hann wᴐ Awurade mu - 2 Kor. 4.6. Ↄnni saa hann yi kεkε, na wᴐahyε no sε ᴐnnante wᴐ hann no mu. 29. Wᴐde ogyidini abata Agya, Ↄba ne Honhom Kronkrom no mu ahoᴐᴐdenso - 1 Tesa. 1.1; Efe. 4.6; Rom. 8.1; Yohane 14.20; Rom. 8.9; 1 Kor. 2.12. 30. Wᴐde nokwaredie anaa Honhom no aduaba a εdi kan no ahyira ogyidini - Efe. 1.14; 8.23. Wᴐawo no Honhom mu (Yohane 3.16), na Honhom no abᴐ no asu (1 Kor. 12.13), a εyε Honhom Kronkron no adwuma a wnam so de ogyidini bata Kristo nipadua na ᴐba “Kristo mu,” na εno nti ᴐwᴐ kyεfa wᴐ deε Kristo teε nyinaa mu. Osuani nso Honhom no te ne mu (Rom. 8.9),

Made with FlippingBook Ebook Creator