Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 1 Ayεsεm Tenten a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu Yεde Yεn Ayεsεm rebɔ Nyankopɔn Ayεsεm mu

Nyankopɔn adom a εsom bo no wɔde Awurade nyansa ne nhumu nyinaa ahwie agu yεn a yεgye die so. Wada ne pε ahintasεm adi akyerε yεn, a εhyε ɔno ara botaeε a εwɔ Kristo mu, animuonyam nhyehyεeε a wɔada no adi seesei wɔ berε mahyε mu, Nyankopɔn ankasa nhyehyεeε a εne sε εbεka nneεma nyinaa abom wɔ ne ba Kristo mu, a nneεma a εwɔ ɔsoro ne nneεma a εwɔ asase nyinaa ka ho mu. ~ Paulo de kɔma Efesofoɔ (Efesofoɔ 1.8-10) Ɔfa yi nkɔ awieeε no, wobεgye Ayεsεm Tenten a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu no atom, berε a woregye adi sε: • Nyankopɔn a ɔwɔ soro, Awurade Nyankopɔn Otumfoɔ, ne nokorε, daapem Nyankopɔn baako a ɔwɔ hɔ sε Nnipa baasa: Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron no. • Nyankopɔn ne Ɔbɔadeε ma nneεma nyinaa, deε aniwa hunu ne deε aniwa nhunu, na ɔyεε nnipa wɔ ɔno ara nsεsoɔ so. • Esiane Satan* ne nnipa nta* a wɔdi kan atuateε nti, wɔdomee abɔdeε, nanso Nyankopɔn hyεε bɔ na ɔwɔ nhyehyεeε a εbεdi bɔne so nkonim na wasane anya biribiara bio εnam Agyenkwa bi, Awurade Yesu Kristo nti. Onniawieeε Nyankopɔ, m’Agya, woka no wɔ w’Asεm mu sε wone nimdeε ne nyansa nyinaa ti. Megye yei tom sε εyε nokorε, Agya dɔfoɔ, na mesrε sε ma me ɔsoro nyansa, na matumi akyε Nokwasεm no pεpεεpε (2 Timoteo 2.15). Mesrε sε kyerεkyerε me ɔkwan a memfa soɔ (Nnwom 32.8), na tutu m’anammɔn ma me. Ma m’aso nte wo nne, na tenetene me seesei wɔ sεdeε medwene na mekasa mu, na kyerε me kwan berε a mayera. Agya, ma me nhunumu akyεdeε, na sε mesua a ma menhunu nsonoeε a εwɔ nokorε ne atorɔ nkyerεkyerε, ahonhom, ne akyεdeε mu. Fa Honhom Kronkron no so kyerε me deε wo pε teε, na ma me nhumu sεdeε mεtumi de m’akoma nyinaa de wo tirimpɔ ayε adwuma.

Botaeε

Nyansasrε Mpaebɔ

*Satan – Satan ne ɔbɔnefoɔ no din ankasa, Nyankopɔn ne adasamma tamfo no. *Nnipa nta – Nyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa sε ɔbarima ne ɔbaa a wɔdi kan, a wɔbɔɔ wɔn wɔ Nyan kopɔn nsεsoɔ sε wɔne Nyankopɔn bεwɔ nkitahodie, ayε adwuma a nteaseε wom, na wɔanya anigyeε wɔ Nyankopɔn wiase a εwie pεyε na εsom bo no mu.

15

Made with FlippingBook Ebook Creator