Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

16 • Ko Gyidie Ko Pa no

Awurade dɔfoɔ, mesrε sε boa me na menyε ntεm nte na mentie, nyε nyaa nkasa, na menyε nyaa mfa abufuo (Yakobo 1.19). Ma m’anom nsεm ne m’akomam nkɔmmɔbɔ nsɔ w’ani. Ma me kwan na memfa nyansa nka wo nokorε sεdeε εbεyε a wɔn a mεkasa akyerε wɔn nyinaa bεtumi ate aseε na wo nokorε no ho aba mfasoɔ ama wɔn. Kyerε me seesei wɔ saa adesua yi mu berε a megye w’Asεm ne nkyerεkyerε. Mesrε saa nneεma yi wɔ m’Awurade ne Agyenkwa, Yesu, din a ahoɔden wom no mu, Amen. 1. Yεn nko ara na yεwɔ wiase anaa? Amerikafoɔ sini bebree kyerε ɔman foforɔ so abrabɔ wɔ wiase, a εtaa yε nneεma a εnyε papa anaasε εyε bɔne. Nnipa mpempem gye di sε εnyε yεn nko ara na yεwɔ wiase, εwom sε wɔbεsusu ntεm so sε wɔnnim baabi a saa nnipa no wɔ, anaasε sεdeε εteε. Afoforɔ gye di sε adasamma di wɔn ho so wɔ awia ne nsoromma kuo bebrebe bi a εwɔ ɔsoro abɔdeε mu. Ebinom gye di sε wɔyεε yεn wɔ abɔdeε kwan so kεkε, afoforɔ firi anyame*, afoforɔ susu pa ara sε obiara ntumi nhunu saa nneεma no da. Worenyini firi mmɔfraseε no, na w’adwene yε wo sε εhefa na yεfiri baeε, na deεn na wɔka kyerεε wo fa baabi a ɔsoro ne wiase firi baeε ho? 2. Baabiara a nnipa teε wɔ wiase no, wɔdɔ sε wɔte na wɔka ayεsεm. Sini, nwoma, aseresεm kafoɔ, kasamfoni (tεlεbihyen) so yε kyerε, twerεtohɔ nsεm, intanεte so nkitahodie, koowa-nkrataa, ne radio – da biara yεte nsεm pii, ebi yε nokorε, ebi nyε nokorε, ebi hyε nkuran, afoforɔ yε aniwu. Ɛbεyε wo nwanwa sε Twerε Kronkron ankasa ka ayεsεm kεseε baako? Twerεnsεm no yε nwoma korabea (ne nyinaa yε nwoma 66, a atwerεfoɔ bebree na wɔtwerεeε boro mfeε 1500) nanso wɔn nyinaa ka ayεsεm baako – fa Nyankopɔn ne ne pε sε ɔbεgye n’abɔdeε nkwa 39 Deεn na wodwene fa ayεsεm nyinaa ho? Woate pεn sε Twerε Kronkron no ka ayεsεm baako fa Nyankopɔn ne ne nkwagyeε ho? Nsonoeε a εda ayεsεm a yεatete anaa akenkan no mu bebree, ne ayεsεm baako a Twerε Kronkron atwerεfoɔ ka fa Nyankopɔn ne ne nkwagyeε a ɔde ma wiase no bi ho ne sεn? 3. “Sεdeε menim no, menhunu nhyehyεeε biara.” Ɛfiri gyidie no mfitiaseε, asomafoɔ no berε akyiri no ara, agyidifoɔ apae mu aka wɔn mfitiaseε gyidie nhyehyεeε wɔ nsεm a wɔfrε no gyidikansεm mu. Ɛmu mmienu a wɔnim no yie na wɔtaa ka wɔ abakɔsεm mu nyinaa, mpo de bεsi nnε ne Asomafoɔ Gyidikansεm ne Nicene Gyidikansεm (hwε Mmataho). Saa gyidie nnyetom tiawa mmienu yi twa anisoadehunu a εfa sεdeε

Nkitahodie

*Anyame – Anyame yε honhom mu nnipa a wɔwɔ tumi kεseε.

Made with FlippingBook Ebook Creator