Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 1 Ayεsεm Tenten a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu • 17

Nyankopɔn teε, deε wayε no Kristo mu, ne sεdeε wɔbεsane asiesie adebɔ bio, wɔ Nyankopɔn berε ne ne kwan so no tia. Nnipa bebree a wɔnnye nni, mmom kyerε sε wɔansusu amansan (wiase) ho na wɔbɔeε enti εnni botaeε anaasε botaeε-ni a ɔfrε baeε. Wɔka sε nhyehyεeε biara nni hɔ a εka biribiara bom, na nkyerεkyerεmu biara nni hɔ a εbεboa ma yεahunu deε enti a yεwɔ ha, baabi a yεrekɔ, ne sεdeε biribara bεyε. Annye annifoɔ (wɔn a wɔnnye nni sε Nyankopɔn bi wɔ hɔ) ka sε εyε nkwaseasεm sε wobεdwene sε Nyankopɔn bi anaa nhyehyεeε kεseε bi wɔ hɔ ma nkwa. Wɔbεkyerε sε, esiane sε Nyankopɔn biara nni hɔ na mmom nneεma a ahyε wiase ma na εwɔ hɔ nti, nkrabea anaa botaeε biara nni hɔ ma abrabɔ anaa wiase. Akyinnyefoɔ (wɔn a wɔka sε yεrentumi nhunu da sε ebia Nyankopɔn bi wɔ hɔ) ka sε, mpo sε Nyankopɔn wɔ hɔ a, yεrentumi nhunu no, na deε yεbεtumi ayε ara ne sε yεbεnya anidasoɔ sε nneεma bεyε yie – ebia! Sεn na Asomafoɔ ne Nicenefoɔ Gyidikansεm no boa yεn ma yεbua wɔn a wɔnnye nni sε Nyankopɔn anaa nhyehyεeε bi wɔ hɔ ma wiase no? Yεhunu Nyankopɔn ne adasamma ho Ayεsεm wɔ Twerε Kronkron mu, a εgyina yεn Awurade Yesu Kristo so. Nanso saa Ayεsεm kεseε yi boro amannebɔ bi a yεkenkan; εyε biribi a yεyε bi. Sε Yesu okyidini no, seesei wowɔ ahyεnso foforɔ na wowɔ asεdeε wɔ Ayεsεm Tenten a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu no mu. Opumpuni* ne baasakoro* Nyankopɔn: Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron na εbɔɔ wiase. Ɔwɔ hɔ firi tete akyirikyiri, te daapem animuonyam mu, a biribiara nhia no no, Nyankopɔn yii sε ɔbεyε wiase bi a nnipa, a ɔyεε wɔn wɔ n’ankasa nsεsoɔ ne su so, bεtumi anya n’adebɔ mahyε nyinaa. Nanso bapɔn-ba* otuatefoɔ, Satan de saa wiase yi kɔɔ basabasayε mu. Ɛyε n’adwene sε ɔbεka Nyankopɔn Ahemman agu nti, ɔbonsam sɔɔ nnipa nta a wɔdi kan (Adam ne Hawa) hwεε sε wɔbεtia Nyankopɔn, ama wɔadome adasamma a wɔnni ɔgyeε ho anidasoɔ. Saa atuateε yi nyinaa akyi, Nyankopɔn yεε sε ɔbεyi Nkonimdifoɔ, Ɔgyefoɔ bi, a ɔbεtene saa ahweaseε yi na ɔde Nnome no ho nsunsuansoɔ aba awieeε afebɔɔ. Ɛnam Abraham so, Nyankopɔn yεε apam bɔhyε sε ɔde saa Mesaia (nea wɔasera no) yi bεba, na ɔyii nkorɔfoɔ bi a wɔn mu na Mesaia no bεfiri aba (Israel). Na, wɔ berε mahyε mu no, Agya no somaa Ɔba no, Yesu, sε

Emu nsεm

*opumpuni – opumpuni kyerε obi a ɔwɔ tumi a εnni ano na εwɔ nhyεnsoɔ wɔ abɔdeε ne abakɔsεm so. *baasakoro – Baasakoro yε ɔkwan foforɔ so a yεka sε “nnipa baasa a wɔyε Nyankopɔn baako.” Ɛtɔ da bi a, yεde asεmfua “Baasakoro” kyerε Nyankopɔn Baako a ɔyε nnipa baasa. *kronkron – Abɔfoɔ yε honhom mu nnipa a Nyankopɔn abɔ wɔn na wɔwɔ tumi ne nyansa kεseε kyεne nnipa.

Made with FlippingBook Ebook Creator