Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
18 • Ko Gyidie Ko Pa no
ɔmmεda n’animuonyam adi, nnye ne nkorɔfoɔ, na ɔnnye n’abɔdeε nkwa. Yesu nam n’anwanwa nnwuma so kyerεε Ahemman no nyansa wɔ ne nkyerεkyerε ne tumi mu. Ɔfiri ne pε mu de ne nkwa maeε berε a ɔwuu wɔ asεnnua so no, ɔtuaa yεn bɔne* ho asotweε ka na ɔsεee ɔbonsam nnwuma. Nyankopɔn nyanee Yesu firii awufoɔ mu, na adaduanan akyiri no ɔforo kɔɔ ɔsoro* sε Awurade nkonimdifoɔ. Da a εtɔ so aduonum wɔ ne wusɔreε akyiri no, afei ɔsomaa Honhom Kronkron no sε εmmεma Yesu asuafoɔ* asafo a εrenyini, Asɔre* no, tumi. Sε Agya no abusua, Yesu honamdua, ne Hongom Kronkron no asɔredan no, wɔayi Asɔre no sε εnto nsa mfrε nnipa a wɔwɔ baabiara sε wɔmmεka Ayεsεm Kεseε yi ho. Sε yεn gyidie ko pa yi ba awieeε a, Yesu bεsane abεsi Nyankopɔn Ahemman wɔ wiase baabiara, εhɔ na awerεhoɔ, yareε, ne owuo to bεtwa na ɔne ne nkorɔfoɔ bεdi hene afebɔɔ. Animuonyam nka ne din! Ne titire no, anka εsε sε saa nsεmmisa no ase hye wɔ berε a yεkɔ kronkron ayεsεm no a nneεma a wɔde sesa koraa wɔ mu mmɔho mmienu ne mmiεnsa no mu. Wobεsesa afiri saa ayεsεm nwoma no ho akɔ Ayεsεm a εyε Twerε Kronkron ho, ne sε wobεtaa ahyia nsakraeε. Sεdeε yεn mu baako atwerε no baabi no, ‘Mmerε a εho hia kεse a Nyankopɔn kyerεε n’anwanwadeε wɔ abakɔsεm mu de daa ne su ne ne pε adi no, Nyankopɔn sane di maa ahiafoɔ ne wɔn a wɔnni fahodie de gyee wɔn.’ Odima mmerε no sane yε nsakraeε mmerε, mmerε a εnyε deε obi hwehwε na ɔnya, mmerε a wɔn a wiase bu wɔn abomfiaa bεyε wɔn a Ɔbɔadeε no susu sε wɔyε atitire pεpεεpε. ~ Ronald J. Sider et Michael A. King.
Reka Nsεmpa Fa Abrabɔ ho wɔ Wiase a Ɛyε hu mu. Philadelphia: The Westminster Press, 1987, pp. 56-57.
*bɔne – Bɔne ne sε yεnyε deε Nyankopɔn pε, sε εyε deε yεka, deε yεyε, anaa deε yεdwene. *foro kɔɔ ɔsoro – Yesu firii asase so kɔɔ wiem wɔ honam mu berε a na n’akyidifoɔ rehwε. Ne wuo ne ne wusɔreε akyiri no, ne sorokɔ no yεε nkonimdie ahyεnsodeε sε ɔrefiri asase yi so akɔtena n’ahennwa so wɔ ɔsoro sε nkonimdi hene. Ɛno nso na εhyεε Honhom Kronkron a εtumi ma Akristofoɔ a wɔwɔ baabi ara, wiase nyinaa, tumi mmaeε ase. *asuafoɔ – Osuani yε sukuuni anaa Yesu okyidini. Okristoni biara yε osuani. Ɛtɔ da bi a, yεde edin “os uani” di dwuma wɔ ɔkwan pɔtee bi so de kyerε mmarima dummienu a Yesu yii wɔn kaa n’asase so som adwuma ho no. *Asɔre – Asɔre yε Nyankopɔn kuo mu nnipa a wɔhunu Yesu sε Awurade, na wɔyε ne botaeε wɔ asase so, obiara a watwam, ɔwɔ hɔ seesei ne daakye, εfiri bea biara wɔ asase so ne abakɔsεm nyinaa mu ka ho bi.
Made with FlippingBook Ebook Creator