Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 1 Ayεsεm Tenten a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu • 19

Sε Kristo firi hɔ a, Twerε Kronkron yε nwoma a obiara nnim. Ma ɔnyε wo botaeε berε a wokenkan, εno ne ayεsεm kεseε pa ara a wɔaka pεn. Wɔbu Twerε Kronkron abomfiaa berε a wɔma εyε te sε abrabɔ akwankyerε nwoma kεkε. Asomafoɔ no – ne Kristo ankasa – kyerε a, Twerε Kronkron yε yεkyerε bi a εreda adi a Yesu Kristo ne ne dɔm barima. ~ Michael Horton. Christless Christianity . Grand Rapids, MI: Baker Books, 2008, page 142. Abasεm Tenten a Yεhunu Yεn ho Wɔ Mu Adesua 1 Twerε Kronkron Adesua Kenkan twerεnsεm a εdidi soɔ yi na bua nsεmmisa a εka emu biara nkyerεkyerε kronkron ho no tiawa. 1. Awurade Nyankopɔn nko ara ne Nyankopɔn, na ɔno na ɔbɔɔ wiase. Kenkan Gyenesis 1.1-3.15

a. Ɛdeεn na Nyankopɔn yε wɔ saa Ayεsεm yi mu?

b. Ɛdeεn na Adam ne Hawa yε wɔ saa Ayεsεm yi mu?

c. Ɛdeεn na ɔwɔ no yε wɔ saa Ayεsεm yi mu?

2. Ɛnam Nyankopɔn pε ne ne tumi so na wɔbɔɔ nnipa nyinaa na wɔte ase. Kenkan Asomafoɔ no Nnwuma 17.24-31. Bobɔ, anyε koraa, nneεma mmiεnsa a Paulo kyerεkyerε mu fa Nyankopɔn Ayεsεm no ho berε a ɔkasa kyerε Atenfoɔ no. 3. Nyankopɔn nam n’adebɔ so akasa akyerε adasamma nyinaa, nam ne nkɔmhyεfoɔ a wɔwɔ Israel so, εna deε εtwa toɔ, nam Yesu Kristo so wɔ nna a εdi akyire yi mu. Kenkan Hebrifoɔ 1.1-4 a. Sεn na ɔtwerεfoɔ no kyerεkyerε ɔkwan a Nyankopɔn nam so akasa akyerε adasamma?

b. Adehia bεn na ɔtwerεfoɔ no de ma Hebrifoɔ no fa Nyankopɔn a ɔnam Yesu so rekasa kyerε yεn ho?

Made with FlippingBook Ebook Creator