Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
20 • Ko Gyidie Ko Pa no
4. Nyankopɔn abεka ayεsεm no ho berε a wabεyε onipa na ɔte asase so! Kenkan Yohane 1.1-14.
a. Hwan ne “Asεm” no, na abusuabɔ bεn na εda ɔne Nyankopɔn ntam?
b. Abusuabɔ bεn na εda Asεm no ne abɔdeε nyinaa ntam?
c. Wɔn a wɔgye Asεm no di no, εdeεn na wɔnya, na sεn na “wɔwo” wɔn?
5. Ɛwɔ sε wɔka Nyankopɔn dɔ a ɔde ama wɔ Yesu mu no ho ayεsεm kyerε nnipa nyinaa, wɔ baabiara. Kenkan Mateo 28.18-20. Ahyεdeε bεn na Yesu de ma n’akyidifoɔ?
6. Asεmpa no yε nkwagyeε Nsεm Papa a εbɔ ayεsεm tenten a yεwɔ mu no tɔfa. Kenkan 1 Korintofoɔ 15.1-8. Ɛdeεn na Paulo ka sε εyε adehia a εdi kan? a. Ɛdeεn ne “adom” na adεn nti na berε biara Asεmpa (Nsεm Papa) no fa “adom” ho?
b. Asεmpa no yε nkrasεm a εfa deε Nyankopɔn yεε no Kristo mu ho. Ɛdeεn na εsiiε?
c. Yesu wiee n’adwuma no, hwan na ɔdaa ne ho adi kyerεε no?
7. Nasaretni Yesu ne Nyankopɔn Ayεsεm no mu dɔm-barima – n’abrabɔ, ne wuo, ne ne wusɔreε. Kenkan Marko 1.1-13. Berε a wɔbɔɔ Yesu asu no, fatoto sεdeε Nyankopɔn yii ne ho adi sε Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron ho.
a. Agya
___ Aburuburo su so
b. Ɔba
___ Ɛnne a εfiri ɔsoro
c. Honhom Kronkron
___ Nasaretni Yesu
Made with FlippingBook Ebook Creator