Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 1 Ayεsεm Tenten a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu • 21

8. Ayεsεm a Nyankopɔn reka wɔ Yesu mu no yε nsiesie, ayaresa, ne nhyira ma nea ɔrepira ne ohiani. Kenkan Yesaia 61.1-4. Bobɔ nkɔmhyε num a Yesaia ka sε Yesu ba a ɔbεyε de agye deε na ayera no.

Me din de Nee. Ɛyε Chinafoɔ din a εnhyε da nyε na. Ɛyεε dεn na menyaeε? Ɛnyε me na mefaeε. Mankɔhwehwε Chinafoɔ din a wɔatwerε bi mu na mefaa yei. Sε me din de Nee no, nokorε mu εmfiri me koraa, afei nso, biribiara nni hɔ a mεtumi ayε a εbεtumi asesa no. Meyε Nee εfiri sε na m’agya de Nee, εna na m’agya de Nee εfiri sε na me nana de Nee. Sε meyε deε Nee yε a meyε Nee, εna sε manyε deε Nee yε nso a meda ho yε Nee. Sε mebεyε China manpanin a meyε Nee, anaa sε mebεyε ɔsrεsrεfoɔ wɔ mmɔntene so nso a meda ho yε Nee. Biribiara nni hɔ a meyε anaa metwe me ho firi ho a εbεyε me biribi foforɔ gye sε Nee. Yεyε adebɔneyεfoɔ, εnyε yεn ankasa ntira na mmom Adam nti. Ɛnyε sε me ara mayε bɔne nti na meyε ɔdebɔneyεni, na εfiri Adam mu a na mewɔ berε a ɔyεε bɔne. Esiane sε awoɔ mu mefiri Adam mu nti, meyε ne fa bi. Bio, mentumi nyε hwee mfa nsesa yei. Mentumi mfa me suban a εbεyε papa nyε me ara me ho foforɔ kyεne sε Adam fa bi, εno nti meyε ɔdebɔneyεni. ~ Watchman Nee. The Normal Christian Life. Fort Washington, PA : Christian Literature Crusade, 1974, p. 26. Twerε Kronkron kyerε sε, Hebrifoɔ Awurade Nyankopɔn no ne nokorε Nyankopɔn baako, a wada ne ho adi sε Nyankopɔ baako a ɔwɔ nnipa baasa (Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron) mu no. Nyankopɔn aka n’ayεsεm kεseε no akyerε yεn (a εyε, ayεsεm tenten) a εkasa fa ne dɔ ne ne tirimpɔ sε ɔbεgye n’abɔdeε afiri ɔsεeε mu. Nyankopɔn na ɔbɔɔ wiase, a ɔyεε nneεma nyinaa firii ohunu mu (ex nihilo), na ɔsii gyanaeε sε ɔbεyi nnipa bi a wɔn mu na Ɔkandifoɔ ne Agyenkwa bi bεfiri aba. Mfitiaseε no ɔyεε nnipa a na bɔne nni wɔn ho deε, nanso wɔsɔre tiaa no, hwee ase firii n’adom* ho, na εde nnome baa abɔdeε ne adasamma nyinaa so, a εwie owuo mu. Nyankopɔn hyεε bɔ sε ɔbεsoma Agyenkwa bi a ɔbεtua yεn bɔne ho ka, afa yεn asoɔden ho asotweε ato ne ho so, na ɔnam gyidie so ama yεn daa nkwa. Nasaretni Yesu ne Agyenkwa no a owuui de gyee yεn no. Afei, εnam ne mu gyidie nti, wɔbεtumi agye yεn nkwa afiri bɔne asotweε ne tumi mu, na yεanya daa nkwa – yεbεtumi aka ayεsεm a Nyankopɔn reka no ho!

Muabɔ

*hwee ase firii n’adom ho – Berε a Adam ne Hawa kɔkaa Satan ho wɔ atuateε mu no, wɔn bɔne tee wɔn firii Nyankopɔn abusuabɔ a εwie pεyε no ho; wɔn nneyεε no tee wɔn firii Nyankopɔn ho, na εde owuo baa wiase.

Made with FlippingBook Ebook Creator