Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
22 • Ko Gyidie Ko Pa no
Mmataho a εwɔ sε wosua na wosusu ho a εfa saa adesua yi ho na εdidi soɔ yi: Berε Bi a Atwam (Mma. 1) Ayεsεm a Nyankopɔn Reka (Mma. 2) Ɛfiri Tete Akyirikyiri kɔsi Daakye Akyirikyiri (Mma. 6) Sunsum ne deε εwɔ Honam (Mma. 7) Yesu Kristo, Twerε Kronkron Atifiasεm ne Asεntire (MMa. 22) Nicenefoɔ Gyidikansεm (Mma. 24 ne 25) Asomafoɔ Gyidikansεm (Mma. 26) Wɔaka sε wiase nyinaa yε εberε. Ɔkwan biara nni hɔ a εyε nokorε kyεne ɔyεkyerε kεseε a εrekɔ so a yεbεtumi afrε no ‘Hann ne Sum Akodie’ no. Nneεma nnidisoɔ a εwɔ Twerεsεm ne abakɔsεm mu da ɔsoro ko bi a εwɔ ahemman mmienu ntam a yεn nyinaa reyε bi adi, sεdeε Nyankopɔn nhyehyεeε teε. Saa tebea a εfa Nyankopɔn Ahemman botaeε ho wɔ abakɔsεm mu yi nti na gyidie atwerεfoɔ atwerε na wɔakyerε Twerεsεm ase. Kenkan na dwene nsεm ne nsusuiε a εdidi soɔ yi ho, na gyina asuasεm a wosuaa wɔ soro no so ma mmuaeε ne nhumu wɔ wɔn nsiesie ho. 1. “Mennye nni sε Nyankopɔn bi wɔ hɔ.” Yεwɔ adwuma mu a yεredidi awia no, na Janice ne ne nua odwumayεni Leah redi nkɔmmɔ fa sεdeε wiase baeε ho. Leah gye di yie pa ara sε adansedie biara nni hɔ a εkyerε sε Nyankopɔn anaa nyame bi wɔ wiase. Anyamesom nyinaa wɔ adwene sononko fa sεdeε Nyankopɔn teε, anyame dodoɔ a εwɔ hɔ, ne deε wɔfa no sε kronkron ntwerεeε ho. Janice yε ogyidini wɔ Kristo mu, a ɔgye di sε Otumfoɔ Agya na ɔyεε wiase, na abɔdeε yε fε dodo sε εno ara bεba, a εnni botaeε anaa nteaseε. Sε wone Janice a, sεn na wo ne Leah bεkyε Twerεnsεm a woasua seesei fa deε Twerε Kronkron ka fa Nyankopɔn ne wiase a ɔbɔeε ho. 2. “Adεn nti na Nyankopɔn nsesa nneεma seesei ara?” Wɔ Akristofoɔ Twerε Kronkron Adesua bi mu no, asεmmisa puee mu sε, “Sε Nyankopɔn ne ɔbɔadeε, na ɔreyε nneεma nyinaa abom a, adεn nti na nneεma bɔne sisi wɔ wiase?” Ebinom gye dii sε na Nyankopɔn nnim nneεma a εrekɔ so wɔ wiase no ho hwee, εna afoforɔ kaa sε na Nyankopɔn nim, na na wayε ~ James DeYoung and Sarah Hurty. Beyond the Obvious. Gresham, OR: Vision House Publishing, 1995, pp. 83-84. Otumfoɔ Nyankopɔn baa asase so wɔ Nasaretni Yesu mu, na ɔnam ne wuo wɔ Asεnnua no so pataae, twee wiase famm ne ho (2 Korintofoɔ 5.19).
Mmataho
Nnyiasosεm a Ɛhia
Nsεm mu Nhwehwεmu
Made with FlippingBook Ebook Creator