Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 1 Ayεsεm Tenten a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu • 23

n’adwene sε ɔremfa ne ho nhyehyε nneεma a εrekɔ so no mu. Wogyina deε wonim no seesei ara so a, sεn na wobεbua asεmmisa sε adεn nti na nneεma rekɔ so seesei wɔ wiase sεdeε εteε yi? Sεn na deε yεsuaa no saa adesua yi mu boa yεn ma yεhunu deε enti a Nyankopɔn bεtumi ama ho kwan ma yεafa nneεma a εyε den mu, anyε koraa, wɔ berε bi mu? 3. Akwan bebree nni hɔ a εkɔ Nyankopɔn hɔ? Nnipa bebree gye di nnε sε gyidie nyinaa ho hia pε na akwan bebree wɔ hɔ a εkɔ Nyankopɔn hɔ. Ayε te sε bepɔ bi ayaase, akuo ahodoɔ bebree hyε aseε sε wɔreforo akɔ bepɔ no so, a wɔhyε aseε firi mmea ahodoɔ wɔ abotan so. Wɔn nyinaa botaeε ne sε wɔbεduru bepɔ no so (baabi a “ɔsoro” teε no), nanso wɔbεfa akwan nsonoeε so, afiri gyinabea ne adwene nsonoeε wɔ ɔkwan no so. Awieeε no (saa na akyinnyeε no kɔ so) anantefoɔ no nyinaa (anyamesom a εwɔ wiase) bεhunu wɔn kwan akɔ soro hɔ (honhom mu). Wɔ saa nteaseε yi mu no, gyidie nyinaa yε pε, ne nyinaa kasa nokorε mu fa ɔsoro ho, na wɔbεtumi afa wɔn mu biara so ahunu Nyankopɔn. Sεn na yεn adesua no ka fa nsusuiε a εte sei fa akwan ahodoɔ a εkɔ ɔsoro ho? Afei a woasakyera (afiri bɔne ho) na woagye Nasaretni Yesu adi sε Awurade yi, wɔawo wo afiri ɔsoro, ayε wo Nyankopɔn ba εnam gyidie wɔ Asεmpa no mu nti. Yei kyerε sε Nyankopɔn ayi wo, na woka ne nhyehyεeε kεseε sε ɔgye nnipa bi firi adasamma mu ma n’ankasa animuonyam no ho. Wonkenkan mfa Nyankopɔn nhyehyεeε ne Ayεsεm ho kεkε, woabεka ho seesei! Wɔnam gyidie so de wo abata Yesu ho seesei, na wɔde wo bɔne akyε wo, afa wo aba n’abusua mu, na ɔde wo aka n’asraafoɔ ho. Berε a wogyee Yesu diiε no, wobεkaa Ayεsεm no ho! Yei kyerε sε seesei wohia sε wosua deε εfa Ayεsεm no ho nyinaa, deε Nyankopɔn reyε, sεdeε ɔpε sε wobɔ bra, ne sεdeε ɔbεtumi de wo ayε adwuma aboa afoforɔ ma wɔabεka ne dɔ ne nkwagyeε Ayεsεm no ho, nso. Nsuro; Nyankopɔn ama wo ɔno ara Honhom Kronkron sε εbεkyerεkyerε wo, wama wo Nyankopɔn Asεm sε εbεma wo akwankyerε, Kristo asɔre sε εbεyε w’adamfo, ne mpaebɔ tumi sε εbεboa ma woanya deε wohia nyinaa a εbεma woatena saa Ayεsεm kεseε yi mu wɔ w’abrabɔ foforɔ mu. Afei wowɔ ayɔnkofoɔ afoforɔ, εne atamfo nso! Wɔagye wo afiri esum tumi ase, na seesei εsε sε wosi ɔbonsam nnaadaa, wiase nsɔhwε, ne wo bɔne dada no nneyεε su kwan. Wɔagye wo nkwa ne sε woakɔ Nyankopɔn afa wɔ aperepereε bi mu, ama nnipa a wɔwɔ baabiara akoma ne adwene. Nanso, mma εnha wo! Nyankopɔn ama yεn deε yεhia nyinaa sεdeε yεbεbɔ Kristosom abrabɔ, asɔ Nyankopɔn ani na ahyε no animuonyam, na yεadi ɔtamfo no so nkonim wɔ saa Ayεsεm kεseε yi a yεka ho yi mu. Nya berε bi da Nyankopɔn ase sε watwe wo abata ne ho, sε wayε wo ne ba, na wama wo daa nkwa. Srε ne hɔ ahoɔden ne mmoa a wode bεkɔ so asua na

Abusuabɔ

Made with FlippingBook Ebook Creator