Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 2 Ɛho a Yεkɔka Yεregye yεn Dwumadie Atom wɔ Ɔsoro Akodie a εfiri Tete no mu

Wɔ Nasaretni Yesu mu, berε a wotee nokorε asεmpa no, Nyankopɔn nkwagyeε a ɔde ma no ho Nsεm Pa no, na wogyee no diiε no, saa berε korɔ no ara wɔsɔɔ wo ne bɔhyε Honhom Kronkron no ano, Nea ɔno ara na ɔyε ntoaseε ma daakye agyapadeε kɔsi sε yεn nsa bεka, ahyε no animuonyam no. ~ Paulo de ma Efesofoɔ (Efe. 1:13-14) Ɔfa yi nkɔ awieeε no, wobεgye Ɛho a Yεkɔka atom berε a woregye adi sε: • Yesu nam n’abrabɔ a efi nni ho ne wu a ɔwu maa yεn so dii ɔbonsam so nkonim na ɔbɔɔ kwan maa wɔn a wɔgye di sε wɔbεwura Nyankopɔn Ahemman no mu. • Ɛnam adwensakyera (yεretwe yεn ho afiri bɔne ho akɔ Nyankopɔn nkyεn) ne gyidie (yεregye nokorε a εfa Yesu adwuma ho adi), εne Nyankopɔn adom so wɔbɔ yεn asu kɔ Kristo mu. • Wɔama yεn Honhom Kronkron no sε yεn agyapadeε ho bɔhyε. Onniawieε Nyankopɔ, m’Agya, woka no wɔ w’Asεm mu sε wone nimdeε ne nyansa nyinaa ti. Megye tom sε yei yε nokorε, Agya dɔfoɔ, na mesrε sε ma me ɔsoro nyansa, na matumi akura Nokwasεm no mu pεpεεpε (2 Timoteo 2.15). Mesrε sε bue m’adwene mu na kyerε me ɔkwan a εsε sε mefa so (Nnwom 32.8), na fa m’anammɔn sisi yie. Ma menyε aso nte wo nne, na tenetene me seesei wɔ sεdeε medwene na mekasa mu, na kyerε me kwan berε a mayera. Agya, ma me nhunumu akyεdeε, na sε mesua a ma menhunu nsonoeε a εda nkyerεkyerε a εyε nyamesom ne deε εnyε nyamesom, ahonhom, ne akyεdeε ntam. Fa Honhom Kronkron no so kyerε me sεdeε wo pε teε, na ma me nhumu sεdeε mεtumi de m’akoma nyinaa ayε deε wopε. Awurade dɔfoɔ, mesrε sε boa me ma menyε ntεm ntie, nyε nyaa nkasa, na menyε nyaa mfa abufuo (Yakobo 1.19). Ma m’anom nsεm ne m’akomam nsusuiε nsɔ w’ani. Ma memfa nyansa nka wo nokwasεm, sεdeε obiara a mεkasa akyerε no bεtumi ate aseε na wo nokorε no ho aba mfasoɔ ama wɔn. Kyerε me seesei wɔ adesua yi mu berε a megye w’Asεm ne akwankyerε. Mebisa saa nneεma yi wɔ m’Awurade ne Agyenkwa Yesu din a tumi wom mu, Amen.

Botaeε

Nyansasrε Mpaebɔ

27

Made with FlippingBook Ebook Creator