Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

28 • Ko Gyidie Ko Pa no

1. “Adεn nti na ɔbonsam kyiri yεn – yεanyε no biribiara, anaa?” Wɔ agyidifoɔ afoforɔ kuo ketewa bi Twerε Kronkron adesua mu no, na Akristofoɔ mmɔfra a wɔyε afoforɔ kuo bi ne wɔn kyerεkyerεfoɔ resane akɔ Twerε Kronkron Ayεsεm no mu bio. Adesua no mu no, wɔhunuu sε ɔbonsam de atorɔdie ne atorɔsεm na εdaadaa nnipa nta a wɔdi kan, Adam ne Hawa, maa wɔyεε bɔne. Asuafoɔ no mu baako bisaa ɔkyerεkyerεfoɔ no sε, “Mente aseε. Adεn nti na na ɔbonsam yε otirimuɔdenfoɔ saa sε ɔbεdi atorɔ akyerε Adam ne Hawa, de wɔn akɔ amaneε mu, asεe biribiara. Wɔyεε no dεn – adεn nti na ɔkyiri nnipa saa?” Wɔ wo nimdeε seesei fa Twerε Kronkron ne Ayεsεm no ho no, wodwene sε εdeεn nti na Twerεnsεm no pae mu ka sε ɔbonsam toto ano, daadaa, na ɔtaa nnipa saa? Adεn nti na wayε saa firi mfitiaseε koraa no? 2. “Nokorε, megye di, nanso mennye nni sε mayε krado sε mede me ho nyinaa bεhyε mu – anyε koraa, nyε seesei.” Berε a Marsha ne ne nua Ralph kyεε Nyankopɔn daa nkwa a ɔde ma ho Asεmpa Pa no, ɔhyiaa adeε bi a na ɔnnim deε ɔde bεyε. Ɔka kyerεε Marsha sε deε Nyankopɔn de ma no yε, mpo εyε fε, gye sε ɔfa a εfa ne ho a ɔretwe afiri ne bɔne ho akɔ Nyankopɔn nkyεn no. (Na Ralph de ne ho ahyε kɔmpita so kyakyatoɔ mu yie pa ara, a na emu bi yε nkankyeε, na wɔkyε ahonhomsεm a εyε hu). Ralph tee Marsha adansedie fa ayεsεm no ho no, ɔkaa sε, “Mehunu yie wɔ sεdeε Nyankopɔn dɔɔ yεn na ɔsomaa Yesu – εyε anwanwadeε bi. Nanso, nokorε mu, seesei ara deε mennye nni sε mεtumi de me ho ama no, ne titire ne sε mεsesa biribiara na magyae nneεma a mereyε no seesei ara no mu bi. Ɛyε den. Mentumi nnye Yesu nni na εnso hɔ ara? Adεn nti na εwɔ sε, sεdeε na woreka no, “mesakyera firi me bɔne ho?” Mennye nni sε mayε krado ma ahofama a εtra so saa seesei. Ɔkwan foforɔ bi, ɔkwan bi a εkwati saa adwensakyera nneεma no nyinaa wɔ hɔ anaa?” Sεn na εwɔ sε Marsha bua Ralph fa saa botaeε yi ho – εwɔ sε wosakyera firi bɔne ho ansa na wɔagye wo nkwa anaa? Susu ho. 3. “Seesei a woyε Yesu suani yi, ani bεsa wo.” Berε a nnipa bebree ka sε Kristosom gyidie ara ne Nyankopɔn dɔ ne asomdwoeε no, kakraa bi na ayε sε wɔte gyidie ase sε εyε ɔfrε kɔ Nyankopɔn afa wɔ ɔko bi mu. Nokorε ne sε, sε onipa sakyera na ɔgye Yesu di pε, wɔabεka ɔko bi ho, deε Kristosom twerεfoɔ baako bi frεε no “akodie nyinaa εna.” Sε woka “Aane” ma Kristo ne n’Ahemman a, εte sε woaka “Daabi” berε korɔ no ara akyerε nsɔhwε a εwɔ wiase, akyerε akɔnnɔ bɔne a εwɔ yεn abɔsu dada no mu, ne ɔbonsam atorɔ. Saa atorɔ yi bebree asesa yεn su – yεagye wɔn adi yεn nkwa nna nyinaa. Wobεyε Okristoni a woabεyε ɔsraani, na Nyankopɔn atamfo no ani bεsa wo. Akwan bεn so na woahunu yei sε εyε nokorε firi berε a wodii kan gyee Yesu Kristo sε w’Agyenkwa ne Awurade?

Nkitahodie

Wɔ ɔfa a εtwa toɔ no mu (Ayεsεm Kεseε a Yεhunu Yεn Ho Wɔ Mu), yεsuaa sε, Nyankopɔn nkwagyeε wɔ Kristo mu Ayεsεm a wɔaka wɔ Twerε Kronkron mu no, bua nsεmmisa akεseε a εfa abrabɔ ho. Nanso sεdeε Ayεsεn Kεseε yi

Emu Nsεm

Made with FlippingBook Ebook Creator