Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 2 Ɛho a Yεkɔka • 29

yε nwanwa fa no, εnsε sε yεtie saa Ayεsεm Kεseε yi anigyeε mu kεkε, te sε deε wokɔ sini bi ase, kɔhwε, na afei woto w’adwene mu wɔ ho no. Sε yεte Nyankopɔn abasεm a εfa ɔgyeε ne mmaeε bio wɔ Kristo mu ho a, na εwɔ sε yεsi gyinaeε sε yεne Nyankopɔn bεka abom a, εsε sε yεnya n’Ayεsεm ho adansedie, gye tom sε εyε nokorε, yεma no bεyε yεn ara ayεsεm, na afei yεhyε aseε ko gyidie ko pa no bi. Ɛsε sε yεsesa afa, firi yεn pε mu kɔka Awurade asraafoɔ no ho. Yεn ankasa mfata, na esiane Nyankopɔn mmɔborɔhunu a εnam Kristo nsiananmu (“wɔ yεn ananmu”) wuo no nti, ɔto nsa frε nnipa nyinaa sε wɔmmεka ho. Ɔgyeε frε no yε ɔfrε ma ɔko – sε wobεfiri esum ahemman mu akɔ hann ahemman mu, sε wobεfiri abrabɔ a wobɔ ma wo nko ara ho abεyε ananmusini ama Awurade Yesu Kristo, adi n’akyi wɔ wiase a εyε ɔsεeε ne basabasa mu. Sε wopae mu ka w’atuateε ne wo bɔne, twe wo ho firi ho wɔ adwensakyera mu*, na wonam Yesu wuo wɔ asεnnua no so srε bɔnefakyε firi Nyankopɔn hɔ a, Nyankopɔn te wo ho na ɔne wo nya abusuabɔ a εtene. Wɔde wo ahyε Kristo Nipadua mu, Nyankopɔn abusua, Asɔre no. Nkwagyeε no akyiri, Nyankopɔn Honhom Kronkron no yε ne fie wɔ yεn mu, na afei ɔma yεn tumi da biara sεdeε yεde anidie bεma Nyankopɔn, asom Kristo, na yεayε n’adwuma. Honhom Kronkron no yε ntoaseε ma Nyankopɔn akyεdeε nyinaa a εbεba yεn nkyεn berε a Yesu bεsane aba bio no; Honhom Kronkron no yε bɔhyε ma yεn daakye agyapadeε wɔ Kristo mu. Woresakyera afiri bɔne ho abata Kristo ho wɔ gyidie mu yε akyitae nsesaeε firi Satan ahemman mu kɔ Nyankopɔn ahemman mu. Berε a woyε saa no, wo ne wɔn a wɔnam gyidie so agye Nyankopɔn adi na wɔagye wɔn afiri abufuo a εbεba mu nyinaa anya nkabom pεpεεpε. Nsuo asubɔ*, a Yesu hyε maa agyidifoɔ nyinaa no, yε anisoɔ nsεnkyerεnneε ma adom adwuma a Honhom Kronkron no yε wɔ yεn mu ma yεne Kristo nya nkabom sε yεn Awurade ne Kannifoɔ, na yεpae mu ka yεn akyitae ne ahofama ma Awurade a wasɔre no sε n’akyidini wɔ badwam. Woregye Yesu atom sε Agyenkwa ne Awurade ne sε wobεka asraakuo bi ho. Sε wonim anaa wonnim no, woakɔka ho. ~ John White. The Fight. Downers Grove, IL: InterVarsity Press, 1976, p. 217. *asubɔ – Asubɔ yε amammerε ma agyidifoɔ a εyε nsuo a wɔde gu nipadua no ho sεdeε εbεkyerε sε wɔde wo aba Kristo Nipadua mu. Ɛbεtumi ayε asukɔdɔ (nhohoroho) wɔ nsuo mu, wɔhwie gu tire so, anaa akwan afoforɔ a wɔde yε so. Asubɔ firi asεmfua “baptidzo” mu a εkyerε sε “wɔde wo ahyε mu.” Enti asubɔ ho hia εfiri sε εyε badwam yεkyerε ma adeε a εwɔ hɔ ankasa wɔ honhom mu; εkyerε sε seesei wɔde wo ahyε Kristo mu. Ɛwɔ sε wɔbɔ ogyidini biara asu εfiri sε Yesu kaa sε yεn nyinaa nyε saa badwam yεkyerε a εyε yεn akyitae ma no no.

*adwensakyera – Wobεsakyera kyerε sε wobεsesa w’adwene, adane wo ho afa ɔkwan foforɔ so, asane afa ɔkwan a Nyankopɔn pε so. Sε wosakyera a, wo ne Nyankopɔn yε adwene sε na wonam ɔkwan bɔne so na woasesa wo suban sεdeε εne Nyankopɔn pε bεkɔ.

Made with FlippingBook Ebook Creator