Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

30 • Ko Gyidie Ko Pa no

Ɛho a Yεkɔka Adesua 2 Twerε Kronkron Adesua Kenkan twerεnsεm a εdidi soɔ yi na bua nsεmmisa a εka nkyerεkyerε kronkron biara ho no tiawa. 1. Asεm no bεyε honam, na εma agyidifoɔ εnniawieeε nkwagyeε. Kenkan Yohane 1.10-14. a. Yohane kyerε sε hwan ne Asεm yi, na abusuabɔ bεn na ɔne Nyankopɔn wɔ?

b. Abusuabɔ bεn na na Asεm yi ne Yohane Osubɔni no wɔ? Ɔne asεm no abusuabɔ te sεn?

c. Sεn na Nyankopɔn ma nnipa kwan ma wɔbεyε ne mma?

d. Ɔkwan bεn so na yεbεyε Nyankopɔn mma? (yi mmuaeε a εyε pa ara) i. Wɔfiri mogya mu wo no, anaasε abɔdeε aseni ii. Wɔfiri onipa pε mu wo no, anaasε okunu gyinaeεsie iii. Nyankopɔn wo no 2. Ɛnam gyidie so, wɔfa Nyankopɔn adom so ma yεn nkwagyeε firi bɔne ne owuo mu. Kenkan Efesofoɔ 2.1-10. a. Sεn na ɔsomafoɔ* no kyerεkyerε sεdeε nnipa ne ɔbonsam (“ewiem tumi panin no”), abusuabɔ teε, ansa na wɔsakyera na wɔgye Kristo di?

*ɔsomafoɔ – Ɔsomafoɔ kyerε “nea wɔasoma no.” Wɔde saa asεmfua yi di dwuma wɔ akwan mmienu so wɔ Twerε Kronkron mu. Mpεn pii, te sε yei no, εkyerε wɔn a Yesu ankasa somaa sε wɔnkɔyε n’adwuma, a dummienu a wɔkaa ne ho wɔ n’asase so som adwuma mu, ne obi te sε Paulo a ɔnyaa ankasa dwu madie firii Yesu hɔ wɔ Asomafoɔ no Nnwum 9 ka ho. Asomafoɔ no adanseε a ani tua ho amaneεbɔ hia ma yεn εfiri sε wɔn adansedie yε biribiara a yεnim fa Kristo ho (hwε 1 Yohane 1.1-4 ne 2 Petro 1.16-18). Yei nti na Nicene Gyidikansεm kasa fa yεn gyidie ho sε εyε “asomafosu” no; yεde yεn Twerε Kronkron ne nnipa abakɔsεm nkyerεkyerεmu gyina deε asomafoɔ no ka so. Ɔkwan a εtɔ so mmienu a wɔde asεmfua “ɔsomafoɔ” di dwuma (nhwεsoɔ Efesofoɔ 4.11) yε ntotoho ma wɔn a Honhom Kronkron no ama wɔn akyεdeε a wɔde adwuma anaa botaeε pɔtee bi bεsoma wɔn. Ɛnnε yεfrε wɔn “nsεmpakafoɔ”, a εyε nnipa a wɔasoma wɔn ama botaeε pɔtee bi te sε nsɔre kyekyere.

Made with FlippingBook Ebook Creator