Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 2 Ɛho a Yεkɔka • 31

b. Bobɔ nneεma mmiεnsa a na εyε nokorε fa wo ho ansa na Nyankopɔn nam n’adom so gyee wo. i. ii. iii. c. Sεn na wɔgye yεn nkwa? (Yi mmuaeε a εyε pa ara): i. Ɛnam adom so wɔ gyidie mu (sε Nyankopɔn akyεdeε) ii. Ɛnam wo nnwuma pa so (enti wobεtumi de ahoahoa wo ho) d. Botaeε bεn nti na wɔgyee yεn nkwa – Ɛdeεn na Nyankopɔn pε sε yεbεyε, na yεyε, seesei a wɔagye yεn nkwa yi? 3. Yesu ne Nea ɔdii ɔbonsam so nkonim sεdeε ɔbεgye abɔdeε ne adasamma na ɔde wɔn asane aba. Kenkan Luka 11.14-23 a. Ɛdeεn na Yesu atamfo no bɔɔ no kwaadu wɔ ho, berε a ɔtuu honhom bɔne firii emum bi mu akyire no?

b. Ɔrebua no, εdeεn na Yesu susu faa sεdeε ahemman a εno ara mu akyε atia ne ho teε?

c. Ɛdeεn na Yesu kaa sε na asi sε ɔde “Nyankopɔn nsateaa” (a εyε, Nyankopɔn Honhom Kronkron) na εtu ahonhommɔne a?

d. Sεn na Yesu kyerεkyerε ne tumi a ɔde di “ɔhoɔdenfoɔ” (ɔbɔnefoɔ) no so wɔ saa abεbusεm yi mu?

e. Yesu abεbusεm a εwɔ Luka 11 no wɔbεtumi akyerεkyerε mu yie wɔ 1 Yohane 3.8. Botaeε bεn nti na Yesu puee asase so?

4. Agya no ama Nasaretni Yesu tumi a εwie pεyε sε ɔmmu atεn na ɔnnye nkwa. Kenkan Yohane 5.19-27.

a. Sεn na Yesu kyerεkyerε nnwuma a ɔyε mu de toto deε Agya no yε ho?

Made with FlippingBook Ebook Creator