Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 2 Ɛho a Yεkɔka • 33
b. Yesu de Apam Dada mu ayεsεm bi a εwɔ Numeri ti 21 yεε mfatoho de boaa Nikodemo ma ɔhunuu sεdeε Yesu bεwu ama adasamma wɔ asεnnua no so. Ahyεnsodeε bεn na wɔbɔɔ din wɔ ayεsεm no mu, na εdeεn na na εwɔ sε nnipa no yε ama wɔanya ayaresa? Sεn na Yesu de ayεsεm no kyerεkyerεε Nikodemo (cf. v. 15)? c. Fa nsεm a εfata hyehyε baabi a wɔagyigya ato hɔ no. (vv. 15-16) i. Ɛtwa sε wɔma Onipa Ba no so ama _________________________ ________________________________________________.
ii. Nyankopɔn dɔɔ wiase maa ɔde ne Ba koro maae sεdeε _________ _____________________________________________________.
iii. Nyankopɔn ansoma ne Ba no sε _______________ wiase na mmom sεdeε wiase bεyε ______________________________.
7. Ɛwom sε kane no na yεyε nkwaseafoɔ ne asoɔdenfoɔ deε, nanso seesei yεnam gyidie so abεyε Nyankopɔn ankasa mma εnam Nyankopɔn adom wɔ Yesu mu so. Kenkan Tito 3.1-8. a. Sεn na yεyε agyidifoɔ afoforɔ wɔ Kristo mu yi εwɔ sε yεne yeinom di nkitaho i. Asodifoɔ ne atumfoɔ ii. Nnipa nyinaa
b. Kyerεkyerε sεdeε na yεteε ansa na yεresakyera na yεagye Kristo adi.
c. Ɛdeεn na εba yεn so berε a “yεn Nyankopɔn papa ne n’adɔeε” daa adi kyerεε yεn?
d. Sεn na εwɔ sε yεbɔ yεn bra seesei, berε a Nyankopɔn adom agye yεn nkwa yi?
Made with FlippingBook Ebook Creator