Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
34 • Ko Gyidie Ko Pa no
8. Yεgye di wie a, Honhom Kronkron no tena yεn nipadua mu na ɔsɔ yεn ano ma Awurade ankasa adeε– εne ɔko a yεko no. a. Kenkan Efesofoɔ 1.13-14. Fa nsεm a εfata hyehyε baabi a wɔagyigya ato hɔ no: i. Berε a wogyee no diiε no, ___________________ sɔɔ w’ano. ii. Honhom Kronkron no yε bɔhyε ma yεn _____________________ kɔsi sε yεn nsa bεka. b. Kenkan Romafoɔ 8.12-17. Bua nsεmmisa a εdidi soɔ yi, nokorε anaasε atorɔ. i. Seesei a Honhom Kronkron no te yεn mu yi, εnni sε yεma bɔne kwan. ii. Honhom no adwuma agye yεn akɔ Nyankopɔn abusua mu. iii. Yεyε Nyankopɔn adedifoɔ na yεne Kristo yε anuanom adedifoɔ berε a yεne no hu amane. 9. Nyankopɔn afrε abɔfoɔ sε wɔmmεpae mu nka Kristo nkonimdie wɔ ɔbonsam ne bɔne so nkyerε wiase. Kenkan Asomafoɔ no Nnwuma 26.12 18. Fa nsεm hyehyε baabi a wɔagyigya ato hɔ no. Berε a Paulo nyaa anisoadehunu firii Kristo hɔ no, εdeεn na Yesu yii no sε ɔnyε? b. Bue nnipa ani sεdeε wɔbεtwe wɔn ho afiri ________________ akɔ hann mu, afiri ____________________ tumi mu akɔ Nyankopɔn nkyεn, ama wɔatumi anya _______________ wɔ bɔne ho, na wɔabεka wɔn a wɔnam __________________ so ate wɔn ho no ho (nky. 18). Obiara a ɔdane firi ne bɔne ho kɔ Nyankopɔn nkyεn (adwensakyera) na ɔgye di sε Yesu Kristo ne Awurade a wasɔre (gyidie) no, wɔagye no nkwa – wɔde ne bɔne akyε no, wɔasiesie no, na wɔagye no ato Awurade abusua mu, nam n’adom ne n’adɔeε so. Saa ɔfrε sε yεmmεyε Nyankopɔn ankasa mma yi ne sε yεresesa afiri yεn akyitae ma wiase yi ne ne bɔne ho ama Kristo ne n’Ahemman. Woregye adi ne sε wodane firi wiase yi ho kɔ Nyankopɔn nkyεn, wode w’akyitae bεma Owura foforɔ, Ahemman foforɔ, ne abrabɔ foforɔ. Yesu baa sε ɔrebεsεe ɔbonsam nnwuma, sε ɔrebεgye adasamma akɔ Nyankopɔn a. Yε ɔsomfoɔ ne _____________ ma nneεma a wobεhunu (nky. 16).
Muabɔ
Made with FlippingBook Ebook Creator