Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 2 Ɛho a Yεkɔka • 35
abusuabɔ a εyε papa mu, na εrenkyε biara, wagye nneεma a εwɔ wiase nyinaa ahyε Nyankopɔn ahennie ase wɔ n’Ahemman mu. Nyankopɔn nam n’adom so na εgye yεn, na εnyε setie a yεyε ma ne Mmara, anaa sε yεn ankasa fata, anaa yεn nnwuma pa ntira. Wɔsane gye yεn kɔ Nyankopɔn abusuabɔ a εyε papa mu nam n’ahummɔborɔ nko ara so, esiane Kristo nsiananmu (“wɔ yεn anan mu”) wuo no nti. Afei a wɔagye yεn nkwa yi, wɔde yεn aka ɔko a εtia bɔne, amumuyε, ne esum ahemman no ho. Nokorε mu, ɔfrε sε wɔagye wo nkwa no yε ɔfrε sε bεka Awurade asraafoɔ a ɔdɔ wɔn ho, na ko tia wiase, yεn bɔnesu dada, ne ɔbonsam. Sε yεgye di wie a, Nyankopɔn sɔ yεne ne Honhom Kronkron a ɔyε ne fie ano wɔ yεn mu, na ɔma yεn ahoɔden, akwankyerε, ne tumi de di Nyankopɔn nni, som Kristo, na yεde yε n’adwuma. Honhom Kronkron no yε ntoaseε ma Nyankopɔ akyεdeε a sε Yesu sane ba a yεbεnya no nyinaa; Honhom no yε bɔhyε ma yεn daakye agyapadeε wɔ Kristo mu. Honhom Kronkron no ma Nyankopɔn adom ho mfasoɔ no ba mu; bɔnefakyε, ɔgyeε firi ɔbonsam ne esum ahemman nsam, ne ne tumi a yεde di Nyankopɔn pε so berε a yεbɔ Kristosom bra. Yεne Honhom Kronkron no kabom di adanseε fa Nyankopɔn Asεm no nokorε ho, berε a yεsesa yεn nsusuiε firi nsεm a εmfata, εsεeε, na εnyε nokorε ho kɔ nsεm a εyε nokorε na εne Twerεsεm hyia. Yεyε abɔdeε afoforɔ wɔ Kristo mu, na seesei εsε sε yεgye deε Twerε Kronkron atwerεfoɔ ka wɔ Twerεsεm mu to mu sε εyε nokorε fa yεn ho, yεn kane, ne deε εhia pa ara, fa deε yεbεtumi ayε ne yεn daakye ho. Yεnnyε nkoa mma esum ahemman no bio; wɔde yεn aba Nyankopɔn Ba no Ahemman, hann ahemman no mu. Ma wɔn a Awurade agye wɔn nhyε aseε nka saa (Nnwom 107.1-3)! Mmataho a εfa saa adesua yi ho a εwɔ sε wosua na wodwennwene ho na εdidi soɔ yi: Nasaretni Yesu: Daakye a Ɛwɔ Hɔ (Mma. 4) Nyankopɔn Ayεsεm: Yεn Kronkronyε Nhini (Mma. 5) Ɛfiri Tete Akyiri kɔsi Berε Akyiri (Mma. 6) Sunsum ne Nneεma (Mma. 7)
Mmataho
Na wɔn a wɔgyee no no, Ɔmaa wɔn tumi sε wɔnyε Nyankopɔn mma (Yohane 1.12).
Nnyinasosεm a Ɛhia
Kenkan na dwene nsεm ne nsusuiε a εdidi soɔ yi ho, na gyina nsεm a wosuaa wɔ soro no so ma mmuaeε ne nhumu wɔ wɔn gyinaeεsie mu.
Nsεm mu Nhwehwεmu
Made with FlippingBook Ebook Creator