Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
36 • Ko Gyidie Ko Pa no
1. “Mennya nkonimdie atenka seesei.” Akristofoɔ afoforɔ beberee (sε εnyε dodoɔ ara a) de anigyeε ne akokoɔduro kεseε hyε wɔn Kristosom akwantuo ase, nanso wɔhyia akwansideε ntεm, na afei wɔbrε wɔ bɔne ne animguaseε ho. Esiane sε wɔhyεε aseε ahoɔden mu nti, εyε wɔn nwanwa na εbu wɔn aba mu sε Kristosom abrabɔ no “nte sε deε ɔsεmpakafoɔ no hyεε bɔ no.” Wɔkɔ so kɔ nsɔhwε mu, wɔkɔ so nya abufuo, wɔkɔ so yε bɔne, na wɔkɔ so brε wɔ akɔnnɔ bɔne, adifudepε, ne ahomasoɔ mu. Wɔbisa wɔn ho sε, “Nkonimdie a wɔkaa ho asεm wɔ Twerε Kronkron mu no wɔ he? Adεn nti na mentumi mmisa Awurade kεkε na saa berε no ara mu nneεma nyε papa? Sε Awurade wɔ m’afa a, εnneε adεn nti na mekɔ so brε?” Ɛdeεn na wobεka akyerε obi a n’abam abu wɔ Kristo Kwan no ho – εnkanka nea wannya nkonimdie atenka wɔ ɔbrε ne ɔhaw so wɔ daa abrabɔ mu? 2. “Mεyε dεn ahunu sε ampa ara wɔde me bɔne akyε me?” Okristoni a ɔrenyini anaasε ɔnnyiniiε biara bεhyia adwene ntanta fa sε wɔagye no nkwa ampa anaasε εnte saa. Wɔde wɔn ho ama Awurade deε, nanso εbεsi sε wɔbεdwene, aka, na wɔayε nneεma a εne wɔn abrabɔ foforɔ wɔ Kristo mu no nhyia. Ɛduru mmerε bi a “suntidua” a εtete sε yeinom wɔ ɔkwan no mu ma wɔgye akyinnyeε mpo sε wɔagye wɔn nkwa. Annye annie ne ehu ahyε wɔn ma nti, εnyε den sε wɔbεtumi adaadaa wɔn anaasε εbεyε wɔn sε wɔntaa mmisa Awurade sε ɔnnye wɔn nkwa bio. Ɛnyε awerεhyem nko ara na wɔnni sε wɔn bɔneka a εdi kan fa Krsito ho no “faeε,” mmom wɔsane dwene ho sε, εdi kan, adeε no koraa wɔsii ho gyinaeε mpo anaa. Sεn na deε woasua fa nyamesom asuasεm a εwɔ soro no boa ma wosi gyinaeε wɔ saa annye annie haw a εrekɔ so yi ho? Sεn na εboa ogyidini foforɔ ma ɔhunu sε wɔagye no nkwa, εmfa ho ne atenka a wɔbεtumi anya no berε biara (1 Yohane 5.11-13)? 3. “Ɛyε anwanwasεm. Seesei a wɔnam adom so agye me nkwa yi, mεtumi ayε deε mepε biara. Mewɔ fahodie!” Berε bi, wɔdaa deε Twerε Kronkron ka faa adom, Kristo teneneeyε, ne daa nkwa ho adi kyerεε ogyidini foforɔ bi. Sε anka εbεma no anya ahobrεaseε ne anisɔ no, ɔyεε mfomsoɔ kyeaa ne nim-deε kɔɔ ahantan ahomasoɔ mu. Ɔhyεε aseε sε ɔreka kyerε n’ayɔnkofoɔ sε, “Esiane sε Nyankopɔn dɔ yεn na ɔnam n’adom so gye yεn nkwa nti, εnni sε yεha yεn ho wɔ sεdeε yεsi bɔ yεn bra. Deε yεbεyε biara, ɔde bεkyε yεn, na wagye yεn, εnyε deε yεyε ho, na εnam deε Yesu yεeε nti!” Sεn na saa onuabarima foforɔ wɔ Kristo mu yi reyε mfomsoɔ wɔ sεdeε εwɔ sε yεbɔ yεn bra, seesei a Kristo agye yεn nkwa yi? Nokorε kwan a εwɔ sε yεbɔ yεn bra seesei ne sεn? Nneεma a εdi kan na nteaseε wom kεse no mu baako ne sε ogyidini bεtumi, na εsε sε ɔyε wɔ berε a wɔrehyε wɔn akwantuo ase akɔ Nyankopɔn Ayεsεm no mu ne sε, wɔbεhunu sε seesei wɔyε akofoɔ wɔ wiase ko kεseε a εso bi mmaa da mu. Nokorε mu, agradaa biara ammobɔ berε a yεgyee Kristo diiε (anyε
Abusuabɔ
Made with FlippingBook Ebook Creator