Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 2 Ɛho a Yεkɔka • 37

koraa, εntaa nsi!) Biribiara bεtumi ayε te sε deε na εteε. Nokorε a εwom ne sε, biribiara asesa. Wɔagye yεn afiri esum ahemman mu, de yεn mmarato nyinaa akyε yεn, agye yεn akɔ Nyankopɔn abusua mu, na wɔde yεn aka Nyankopɔn Ahemman no akofoɔ ho! Yεyε abɔdeε foforɔ wɔ Kristo mu; dada no atwam kɔ na foforɔ aba (2 Kor. 5.17). Si gyinaeε seesei ara sε wobεnya ɔpε sε wobεko, sε wobεgyina Honhom Kronkron no so apε ahoɔden, sε wobεbɔ mpaeε akyerε Awurade apε mmoa da biara berε a wonante Kristo mu, εna sε wobεgyina pintinn wɔ w’adwene, w’akoma, ne wo kra mu akodie mu. Nyankopɔn ahyε bɔ sε ɔde nkonimdie no bεma wo (1 Kor. 15.57), εfiri sε deε ɔwɔ mo mu no so kyεne deε ɔwɔ wiase (1 Yohane 4.4). Seesei woyε Awurade dea, na εnni sε wodwene sε woda so wɔ w’abrabɔ dada a εnni ahobammɔ, εyε atorɔ ne nnaadaa no mu. Woyε Nyankopɔn ba foforɔ wɔ Kristo mu, na εsε sε wohyε da hyε aseε yε, kasa, na wodwene te sε saa onipa foforɔ no. Nya aboterε ma wo ho; na bεyε onipa foforɔ a ɔpε sε woyε no. Srε Nyankopɔn sε ɔmmoa wo na tena saa su foforɔ yi mu, ankasa foforɔ a Nyankopɔn ayε yi, de wo ho afiri nnaadaa akɔnnɔ dada mu, bεyε foforɔ wɔ wo honhom adwene mu, na afei de wo ho sε wobεtena ase sε onipa foforɔ a ɔwɔ abɔsu nsonoeε, abusua foforɔ, ne Awurade foforɔ sε ɔbεdi w’anim na wakyerε wo kwan (Efe. 4.20-24). Ɔde wo aka n’asraafoɔ ho, na wama wo deε wode bεtwa ɔkwan a εda w’anim no. Enti, Yesu suani dɔfoɔ, yεma wo akwaaba ba abusua no mu, ne akwaaba ba ɔko no mu! Sε wɔmmɔɔ wo asu a, wo ne wo Twerε Kronkron adesua kannifoɔ, ɔyɔnkoɔ wɔ Kristosom mu, anaa wo sɔfo nkasa mfa wo pε ne hia a εhia sε wɔbɔ wo asu ho. Gye ɔkwan a asafo a wowɔ mu no fa so siesie wɔn ho ma asubɔ tom na di so, na wie no ntεm sεdeε wobεtumi. Kristo hyεε wɔn a wɔgye die nyinaa sε wɔmmɔ asu, a εyε yεne no nkabom ho sεnkyerεnneε ne badwam pae mu ka wɔ Yesu ne n’Ahemman akyitae ho (Marko. 16.14-16; Mateo 28.18-20). Mεntwεn; Asubɔ yε anisoɔ nsεnkyerεnneε fa akomam adom a Nyankopɔn nam adwuma a Yesu wiee no wɔ Asεnnua no so ho a ɔde ma wo. Tie no, na ma wɔmmɔ wo asu ntεm!

Mede gyidie agye Nyankopɔn fakyε adom no so, ama mayε Nyankopɔn ba a ɔtene, wɔagye me afiri esum tumidie mu aba Ɔba no ahemman no mu.

Adansedie

Te Deum Laudamus yε mpaebɔ a Akristofoɔ aka firi mfeha a εtɔ so nnan. Ɛfiri Ɔsɔfo Panin Nicetas a ɔfiri Dacia hɔ, c. 335-414, nanso atetesεm de ma mpofirim dawurubɔ bi a εfiri Ambrose hɔ berε a ɔbɔɔ Augustine asu.

Mpaebɔ

Made with FlippingBook Ebook Creator